Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 8:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na sɛ monya fa kuro no a, monto kuro no mu gya; monyɛ no sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, hyɛ na mahyɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na sɛ monya fa kuro no a, monto kuro no mu gya; monyɛ no sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, hyɛ na mahyɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Monto kuropɔn no mu gya sɛnea Awurade ahyɛ no. Munim nea ɛsɛ sɛ moyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Monto kuropɔn no mu ogya sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Monim deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ munya fa kurow no a, monto kurow no mu gya; monyɛ no sɛnea AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, ɔhyɛ na mahyɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 8:8
12 Iomraidhean Croise  

Nso na Absalom ahyɛ ne mmeranteɛ sɛ: Monhwɛ, na sɛ Amnon boro nsa tam na mese mo sɛ: Mommɔ Amnon a, monku no. Monnsuro, ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den, na monyɛ mo ho mmarima.


Na amanaman yi nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu deɛ, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa,


Na wɔbuaa Yosua sɛ: Deɛ woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ.


Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa.


Na kuro no deɛ, wɔde ogya hyee ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nko na wɔde bɛguu AWURADE fie adekorabea no mu.


Na wɔde dɔm no sisii, ɛdɔm a wɔwɔ kuro no atifi fam ne akyire atɛfoɔ no a ɛwɔ kuro no atɔeɛ fam no nyinaa; na Yosua kɔɔ bonhwa no mu anadwo no ara.


Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.


Na yeinom nso firii adi firii kuro no mu bɛhyiaa wɔn, na wɔtɔɔ Israel ntam, yeinom wɔ ha, na yeinom nso wɔ ha; na wɔkunkumm wɔn ara kɔsii sɛ wɔn mu anikanfoɔ anaa odwanefoɔ biara anka.


Na Yosua hyee Ai na ɔyɛɛ no daa amamfo sie de bɛsi nnɛ yi.


Na mo deɛ, monsɔre mfiri ɔtɛ no mu, na momfa kuro no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.


Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔe kɔtɛe. Na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔeɛ fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.


Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan