Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 8:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Ai hene hunuiɛ no, ɔne ne man nyinaa, kuro no mu mmarima no, yɛɛ ntɛm tuaa ahema kɔɔ deɛ wɔahyɛ hɔ, mpaperɛ no anim, sɛ wɔrebɛhyia Israel ne wɔn ako; nso na ɔnnim sɛ wɔretɛ no kuro no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na Ai hene hunuiɛ no, ɔne ne man nyinaa, kuro no mu mmarima no, yɛɛ ntɛm tuaa ahema kɔɔ deɛ wɔahyɛ hɔ, mpaperɛ no anim, sɛ wɔrebɛhyia Israel ne wɔn ako; nso na ɔnnim sɛ wɔretɛ no kuro no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Aihene huu sɛ Israelfo no wɔ obon no fa nohɔ no, ntɛm so, ɔne nʼakofo nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfo no, tow hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na onnim sɛ atɛwfo bi wɔ kuropɔn no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Aihene hunuu sɛ Israelfoɔ no wɔ bɔnhwa no fa nohoa no, ntɛm so, ɔne nʼakodɔm nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfoɔ no, to hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na ɔnnim sɛ atɛfoɔ bi wɔ kuropɔn no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 na Ai hene hui no, ɔne ne man nyinaa ne kurow no mu mmarima no, yɛɛ ntɛm tuaa ahema kɔɔ nea wɔahyɛ hɔ, tataw no anim, sɛ wɔrebehyia Israel ne wɔn ako; nso na onnim sɛ wɔtɛw no kurow no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 8:14
15 Iomraidhean Croise  

Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.


Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo adane nkwaseasɛm. Adɛn na mose Farao sɛ: Anyansafoɔ ba ne me, tete ahemfo no ba?


Soan mmapɔmma adane nkwaseafoɔ, wɔasisi Memfis asafohene nso, na wɔn a wɔyɛ mmusuakuo no mu ntweaso tiboɔ adaadaa Misraim.


Asɛm no da so wɔ ɔhene anomu no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahennie no atu afiri wo nsam.


na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


akoa no wura bɛba da a n’ani nna no kwan, ne dɔn a ɔnnim mu,


Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa, Yordan agya serɛ soɔ, Araba mpaperɛ so, Suf ntentensoɔ, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;


Na wɔde dɔm no sisii, ɛdɔm a wɔwɔ kuro no atifi fam ne akyire atɛfoɔ no a ɛwɔ kuro no atɔeɛ fam no nyinaa; na Yosua kɔɔ bonhwa no mu anadwo no ara.


Na Yosua ne Israel nyinaa maa wɔpamoo wɔn wɔn anim, na wɔdwane faa ɛserɛ so kwan so.


Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ ɔman a wɔwɔ kuro no mu nyinaa sɛ wɔmmɛti wɔn; na wɔtii Yosua, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu.


Na me deɛ, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa bɛtwe apini kuro no; na sɛ wɔfiri adi bɛhyia yɛn sɛ akane no a, yɛbɛdwane afiri wɔn anim;


Na wɔnam anibereɛ so de nnaadaasɛm bɛpɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn na ɛfiri tete wɔn atemmuo ntwentwɛn aseɛ, na wɔn sɛeɛ ntɔ nko.


Na atɛfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔto hyɛɛ Gibea so, na atɛfoɔ no sɔɔ mu de nkrantɛ ano kunkumm kuro mufoɔ no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan