Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 7:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ Kanaanfo ne nnipa a wɔaka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wobetwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn afi asase yi so. Na afei dɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛse a ekura anuonyam no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ Kanaanfoɔ ne nnipa a aka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wɔbɛtwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn ase afiri asase yi so. Na afei ɛdeɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛseɛ a ɛwɔ animuonyam no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Kanaanfo ne asase yi sofo nyinaa bɛte, na wɔabetwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afi asase so: Na ɛdɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛse no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 7:9
19 Iomraidhean Croise  

Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na animuonyam nka, w’adɔeɛ nti, wo nokorɛ nti.


Onyankopɔn, sɛ wo din teɛ no, saa na w’ayeyie teɛ de kɔsi asase ano ano; tenenee ahyɛ wo nsa nifa ma.


Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo din animuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.


Wɔka sɛ: Mommra mma yɛnku wɔn ase mfiri ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio.


Na wɔde akoma korɔ tu agyina, wo tiri so na wɔpam.


Adɛn nti na Misraimfoɔ nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na ɔbɛyii wɔn kɔeɛ sɛ ɔrekɔkum wɔn mmepɔ soɔ na wapra wɔn afiri asase ani? Sane firi w’abufuhyeɛ no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo ya.


Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.


Ma asɔfoɔ, AWURADE asomfo no, nsu wɔ ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam, nka sɛ: O AWURADE, dodo wo man ho, na mfa w’agyapadeɛ mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Adɛn nti na wɔnka no aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?


Na me tamfo bɛhunu, na aniwuo abɛkata ne so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ? Mede m’ani bɛhwɛ no, afei wɔbɛtiatia ne so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.


Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɛno deɛ, Misraimfoɔ bɛte, ɛfiri sɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afiri wɔn mu;


Agya, hyɛ wo din animuonyam! Ɛnna ɛnne bi firi soro baeɛ: Mahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no bio.


na asase a woyii yɛn firii soɔ no sofoɔ anka sɛ: AWURADE antumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa wɔn ɛho asɛm no so, na tane a ɔtane wɔn nti na ɔde wɔn firi kɔɔ sɛ ɔrekɔkunkum wɔn ɛserɛ soɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, adɛn nti na wode w’anim abutu fam seyie?


Wo kyɛw nie, AWURADE, sɛ Israel adane wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfoɔ yi, ɛdeɛn na menka?


Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan