Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 7:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yosua ne ɔman ntuanofo no de abasamtu tetew wɔn ntade mu, tow mfutuma guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kosii anwummere.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kɔsii anwummerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Yosua sunsuanee ne ntade mu, na ɔde n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim de kosii anwummere, ɔno ne Israel mpanyimfo, na wɔde dɔte guguu wɔn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 7:6
30 Iomraidhean Croise  

Na Ruben sane baa abura no so, na hwɛ, na Yosef nni abura no mu. Na ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu,


Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n’asene, na ɔsuu ne ba no kyɛree.


Ɛnna Dawid sɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa.


Na wɔtwaa adwo na wɔsui, na wɔkyenee kɔm kɔsii anwummerɛ maa Saulo ne ne ba Yonatan ne AWURADE man ne Israel fie, sɛ wɔatotɔ nkrantɛ ano.


Na ne nnansa soɔ no, hwɛ, ɔbarima bi firi nsra no mu wɔ Saulo nkyɛn bae, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi. Na ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no.


Na Dawid srɛɛ Onyankopɔn maa abɔfra no; na Dawid bua dae, na ɔkɔɔ dan mu kɔdaa fam anadwo no.


Ɛnna Tamar sesaa nso guu n’atifi, na ɔsunsuanee n’atadeɛ nworonnworan a ɛhyɛ no no mu, na ɔde ne nsa guu ne ti de benabɔ ara kɔe.


Ɛnna ɔhene sɔre sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔdaa fam, na ne nkoa nyinaa wɔgyinagyina hɔ asunsuane wɔn ntadeɛ mu.


Na ɛbaa sɛ ɔhene tee mmara nwoma no mu nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.


Na ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.


Na Esra rebɔ mpaeɛ na ɔde esu ne fam da repae mu ka wɔ Nyankopɔn fie no anim no, Israel mu asafo kɛseɛ pa ara, mmarima ne mmaa ne mmɔfra boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔman no suu esu kɛseɛ.


Na bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma.


Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.


Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu hɔ no, abooboodie kɛseɛ, ne mmuadadie, ne esu ne adwotwa baa Yudafoɔ no mu, na nnipa pii dedaa ayitoma ne nso mu.


Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn,


Na wɔfiri akyirikyiri memaa wɔn ani so, na wɔhunuu no no, wɔanhu no. Na wɔmemaa wɔn nne so sui, na wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro guu wɔn atifi.


Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.


Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi, wɔafirafira ayitoma; Yerusalem mmabaa asisi wɔn tiri ase.


Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafoɔ no mu no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu,


Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?


Monsɔre mfiri asafo yi mu na memmene wɔn amonom. Na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Na asomafoɔ Barnaba ne Paulo teeɛ no, wɔsunsuanee wɔn ntoma mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuo no mu teaa mu sɛ:


Na Yosua kaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, adɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.


Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ yi a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.


Na ɔhunuu no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ao, me ba! Woabrɛ me ase papaapa, na woaho me werɛ! Ɛfiri sɛ, mabue m’ano mama AWURADE, na mentumi mensane m’akyi.


Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.


Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ Betel, na wɔsui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kɔsii anwummerɛ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.


Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ.


Na Benyaminni bi firi mpasua no mu tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan