Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 7:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na wɔhɔree ne so abosie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi. Na AWURADE dane firii n’abufuhyeɛ no ho. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ sɛ Akor bonhwa de bɛsi nnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na wɔhɔree ne so abosie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi. Na AWURADE dane firii n’abufuhyeɛ no ho. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ sɛ Akor bonhwa de bɛsi nnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Wɔsoaa abo guu Akan funu so hɔree no siw a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. Enti na wɔafrɛ saa beae hɔ Ɔhaw Bon no. Afei, Awurade bo dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Wɔsoaa aboɔ guu Akan funu so hɔree no esie a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Enti, na wɔafrɛ saa beaeɛ hɔ Akɔr Bɔnhwa no. Afei, Awurade bo dwoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na wɔhɔree no so abosiw kɛse a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ ara. Na AWURADE dan fii n’abufuhyew no ho. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ sɛ Akor bon de besi nnɛ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 7:26
22 Iomraidhean Croise  

Na wɔyii Absalom de no too kwaeɛ mu hɔ amena kɛseɛ bi mu, na wɔboaboaa aboɔkuo kɛseɛ pa ano guu ne so. Na Israel nyinaa dwanedwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu.


Na wɔsiee Saulo ne ne ba Yonatan nnompe Benyamin asase so wɔ Sela, n’agya Kis da mu; na wɔyɛɛ deɛ ɔhene hyɛɛ wɔn no nyinaa; na ɛno akyiri no Onyankopɔn dom asase no.


Afei ɛwɔ m’akoma mu, sɛ me ne AWURADE Israel Nyankopɔn bɛpam, na n’abufuhyeɛ no afiri yɛn so akɔ.


Enti ma yɛnyi yɛn mmapɔmma mma badwa no nyinaa, na wɔn a wɔwɔ yɛn nkuro mu a wɔawareware mmaa ananafoɔ nyinaa mmra berɛ a wɔahyehyɛ mu, na kuro biara mu mpanimfoɔ ne emu atemmufoɔ nka wɔn ho nkɔsi sɛ wɔbɛsianka yɛn Nyankopɔn abufuo a adɔ asɛm yi ho no afiri yɛn soɔ.


Yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na twa wo bo a ɛfu yɛn no to wo yam.


Adɛn nti na Misraimfoɔ nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na ɔbɛyii wɔn kɔeɛ sɛ ɔrekɔkum wɔn mmepɔ soɔ na wapra wɔn afiri asase ani? Sane firi w’abufuhyeɛ no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo ya.


Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.


Na Saron bɛdane nnwankuo adidibea, na Akor bonhwa no ayɛ anantwie dabea ama me man a wɔhwehwɛ m’akyiri kwan no.


Wɔto me twene amena mu animono, na wɔasi me aboɔ;


na mafiri hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bonhwa no, mayɛ no anidasoɔ pono, na ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛ ne mmabaaberɛ mu ne ɛda a ɔfiri Misraim asase so foro baeɛ no.


Na mɛyi Baal ahodoɔ din mafiri n’anomu, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.


Monsunsuane mo akoma, na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu, na monsane mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ so, na ɔsakyera n’adwene wɔ adebɔne ho.


Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu, na ɔhunuu ne man mmɔbɔ.


Ɛnna wɔmaa Yona so too no twenee ɛpo no mu, na ɛpo no gyaee ne bagyabagyayɛ no.


Ɛnna ɔteaa mu frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefiri adi akɔ atifi fam asase soɔ ama me honhom ho asane no wɔ atifi fam asase no so.


na ɔdii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbaa no nyinaa hwiree n’ayaase; na ɔhaw no to twa firii Israelfoɔ no so.


Na mma abusudeɛ no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnane mfiri n’abufuhyeɛ no ho, na ɔnhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wonnɔɔso sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no.


Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne adi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so ayɛ deɛ ɛtene AWURADE wo Nyankopɔn ani so a.


Na owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛe maa wɔyiyii wɔn firii nnua no so, na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhuntaa mu no mu, na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi ara.


Ɛnna Yosua faa Sera ba Akan, ne dwetɛ ne ngusoɔ ne sika dame no, ne ne mmammarima ne ne mmammaa, ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan, ne ne ntomadan ne deɛ ɔwɔ nyinaa, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔde wɔn foro kɔɔ Akor bonhwa mu.


Na Ai hene no deɛ, ɔsɛnee no dua so kɔsii anwummerɛ; na owia kɔtɔeɛ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnkɔyi ne funu no mfiri dua no so, na wɔde no too kuro no pono ano, na wɔhɔree ne so aboɔsie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan