Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 7:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛno nti na Israelfo adi nkogu na wɔreguan afi wɔn atamfo anim. Mprempren de, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛe. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛno enti na Israelfoɔ adi nkoguo na wɔredwane afiri wɔn atamfoɔ anim. Seesei deɛ, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Israelfo rentumi nnyina wɔn atamfo anim, wɔn akyi na wɔbɛdan akyerɛ wɔn atamfo, efisɛ wɔayɛ ahyirade; merenkɔ so minni mo akyi, gye sɛ muyi ahyirade no hɔ fi mo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 7:12
21 Iomraidhean Croise  

Womaa yɛdanee yɛn akyiri kyerɛɛ yɛn ahodwanfoɔ, na wɔn a wɔtane yɛn fom yɛn fa.


Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?


Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.


na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie.


Na sɛ ɔman yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bi bisa wo sɛ: AWURADE adesoa ne deɛn? Ɛnneɛ kyerɛ wɔn sɛ: Wone adesoa no, na mɛto wo matwene, AWURADE asɛm nie.


O, Yerusalem, ma wɔnkyerɛkyerɛ wo, na me kra antwe amfiri wo ho, na mamma woannane amamfo, asase a obiara nte soɔ.


Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara!


Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wontumi nhwɛ bɔne na wontumi nhwɛ ɔhaw, adɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafoɔ, na ɔbɔnefoɔ mene ɔteneneeni a ɔtene sene no a, woyɛ komm?


Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa; na ɔman no dii abooboo pii.


Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfoɔ anim;


na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrantɛ ano; na ɛnam sɛ moasane afiri AWURADE akyiri nti, AWURADE nso renni mo akyi.


Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma.


Na mfa akyiwadeɛ nkɔ wo fie, na woanyɛ abusudeɛ sɛ ɛno; ma no nyɛ wo tane, na kyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ.


Mo ho yie ara na monhwɛ ahyiradeɛ no ho, na moanhyira so na moamfa ahyiradeɛ no bi, na moamfa Israel nsraban no anyɛ ahyiradeɛ amma amaneɛ amma so.


Na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔse: Mɛfiri adi sɛ kane no, na mawoso me ho. Nanso ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ AWURADE afiri ne ho.


Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.


Na AWURADE bɔfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.


Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mo ɛdɔm mu atitire nyinaa, montwe mpini ha, na monhwɛ nhunu adekodeɛ a enti bɔne yi aba nnɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan