Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 7:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wonnyaw mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wɔnnya mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Israel ayɛ bɔne, na wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyirade no bi nso, na wɔabɔ korɔn nso, na wɔasiw so nso, na wɔde asie wɔn ade mu nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 7:11
24 Iomraidhean Croise  

ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne deɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


Na ɔduruu kokoɔ no ho no, ɔgyee wɔn nsam, na ɔde kɔguu fie, na ɔgyaa mmarima no kwan maa wɔkɔe.


Asase ho akum wɔ ɛsotefoɔ ase, ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakyera ahyɛdeɛ no na wɔato daa apam no.


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.


Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.


Sɛ obi anhyɛ da yɛ bɔne a ɛyɛ kusumdie wɔ AWURADE akronkronneɛ ho a, ɛnneɛ, n’asodie afɔdeɛ a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, dwetɛ nnwetɛbena mu, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ.


Ɛberɛ bi reba a wɔn nnomumfoɔ bɛsere na wɔadi wɔn ho fɛw sɛ: Ɔnnue, deɛ ɔnam asisie kwan so fa adeɛ a ɛnyɛ ne dea no. W’apoobɔ yi bɛkɔ so ara akɔsi da bɛn?


Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.


Wɔse: Kaesare dea. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.


Sɛ wɔhunu wo mu, wo nkuro a ɔde rema woɔ no biara mu ɔbarima anaa ɔbaa bi a ɔyɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE wo Nyankopɔn ani soɔ bu apam so,


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ AWURADE abufuo bɛdɛre atia mo, na moasɛe ntɛm afiri asase pa a ɔde ama mo no so.


Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, adɛn nti na wode w’anim abutu fam seyie?


Na AWURADE abufuo dɔre tiaa Israel, na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wɔntie me nne yi,


Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mo ɛdɔm mu atitire nyinaa, montwe mpini ha, na monhwɛ nhunu adekodeɛ a enti bɔne yi aba nnɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan