Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 7:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nanso Israel anni nokware wɔ nneɛma a wogyaw maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuw Israelfo no yiye. Akan yɛ Karmi a ɔyɛ Simri a na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuw mu no babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nanso, Israel anni nokorɛ wɔ nneɛma a wɔgya maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuu Israelfoɔ no yie. Akan yɛ Karmi a ɔfiri Simri efie mu, na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuo mu no babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo no too ahyirade no ho mmara, na Serah ba Sabdi Karmi ba Akan a ofi Yuda abusuakuw mu no faa emu bi, AWURADE bo fuw Israelfo

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 7:1
19 Iomraidhean Croise  

Yakob mmammarima no baa atɔfoɔ no so bɛfom kuro no mu nnoɔma fae, ɛfiri sɛ wɔagu wɔn nua no ho fi.


Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid hyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.


Na ɔduruu kokoɔ no ho no, ɔgyee wɔn nsam, na ɔde kɔguu fie, na ɔgyaa mmarima no kwan maa wɔkɔe.


Nanso asɛm yi ansɔ Nyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.


Na wɔgyaa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fie, na wɔkɔsomm Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodie yi nti abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.


sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ woɔ, me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ yɛn amumuyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodie aso akɔduru ɔsoro.


Onipa a ɔte sɛ woɔ na w’abɔnefosɛm pira no, na onipa ba bi na wo tenenee bɛma no anya mfasoɔ.


Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛni baako sɛe papa bebree.


Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ, Yerusalemfoɔ, Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi.


Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛntwe ntonto mfa nhunu deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi. Na wɔtwee ntonto no, ntonto no bɔɔ Yona.


Sɛ AWURADE asafo no nyinaa seɛ nie: Fom bɛn na mode afom Israel Nyankopɔn yi sɛ nnɛ moadane mo ho afiri AWURADE akyire, na moasi afɔrebukyia afa, na moate AWURADE anim atua nnɛ yi!


Na mo deɛ, nnɛ moresane afiri AWURADE akyi? Na morete AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo bɛfu Israel asafo no nyinaa.


Ɛnyɛ Sera ba Akan na ɔfom ahyiradeɛ no mu, na abufuo baa Israel asafo no nyinaa soɔ? Nso ɛnyɛ ɔno nko na ɔsɛeeɛ, ne mfomsoɔ no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan