Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 6:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na sɛ wɔhyɛne osebɔ abɛn no na mote totorobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛseɛ, na kuro no ho fasuo no bɛhwe fam tim, na ɔman no mforo nkɔ wɔn anim tee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na sɛ wɔhyɛne osebɔ abɛn no na mote totorobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛseɛ, na kuro no ho fasuo no bɛhwe fam tim, na ɔman no mforo nkɔ wɔn anim tee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ mote sɛ asɔfo no hyɛn mmɛn no denneennen ma ɛkyɛ a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasu nyinaa bedwiriw agu fam, na nnipa no betumi atow ahyɛ kuropɔn no so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ mote sɛ asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no dendeenden ma ɛkyɛre a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasuo nyinaa bɛdwiri agu fam, na nnipa no bɛtumi ato ahyɛ kuropɔn no so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ wɔhyɛn osebɔ abɛn no na mote torobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛse, na kurow no ho fasu no bɛhwe fam burum, na ɔman no mforo nkokɔ wɔn anim tee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 6:5
17 Iomraidhean Croise  

Na totorobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛseɛ gyee so.


Na n’afasuo a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiri agu fam, mfuturo mu.


Na mmepɔ asorɔnsorɔn ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa soɔ no, asuasu ne nsubɔntene bɛsene hɔ, okunkɛseɛ da a aban atentene bɛhwehwe aseɛ no.


Mommɔ ne so ose nhyia. Ɔde ne ho ama, ne nnyinasoɔ ahwehwe ase, n’afasuo adwiri, na AWURADE aweretɔ ne no. Montɔ mo were ne so, monyɛ no sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Gyidie nti na Yeriko afasuo a wɔtwaa ho hyiaa nnanson no dwiriiɛ.


Na ɛbaa sɛ deɛ ɛtɔ so nson no soɔ a asɔfoɔ no rehyɛne ntotorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, ɛfiri sɛ AWURADE de kuro no ama mo.


Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no. Na ɛbaa sɛ ɔman no tee ntotorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛseɛ, na ɔfasuo no hwee fam tim, na ɔman no foro kɔɔ kuro no mu, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kuro no.


Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.


Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.


Na atɛfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔto hyɛɛ Gibea so, na atɛfoɔ no sɔɔ mu de nkrantɛ ano kunkumm kuro mufoɔ no nyinaa.


Na Dawid sɔree anɔpahema gyaa nnwan no hyɛɛ ɔhwɛfoɔ nsa, na ɔsoa kɔeɛ, sɛdeɛ Yisai hyɛɛ no no; na ɔkɔduruu nteaseɛnam aboaeɛ; na ɛdɔm no refiri adi akɔ mpasua mu na wɔbɔɔ ɔko no ho se,


Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wɔtii Filistifoɔ no kɔduruu Gai ne Ekron apono akyi. Na Filistifoɔ apirafoɔ no totɔɔ Saaraim kwan so de kɔduruu Gat ne Ekron.


Na AWURADE apam adaka no duruu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asase wosoe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan