Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 6:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na montwa kuro no ho nhyia; akofoɔ no nyinaa ntwa ho nhyia prɛko. Saa ara na yɛ no nnansia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na montwa kuro no ho nhyia; akofoɔ no nyinaa ntwa ho nhyia prɛko. Saa ara na yɛ no nnansia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ma wo nsraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkoro da biara nnansia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ma wʼasraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkorɔ ɛda biara nna nsia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na muntwa kurow no ho nhyia; akofo no nyinaa ntwa ho nhyia pɛnkoro. Saa na yɛ nnansia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 6:3
9 Iomraidhean Croise  

Na ntoa nsɛsoɔ wowɔ aseɛ de twa ɛho nyinaa hyia, edu wɔ anammɔn baako ne fa mu, ɛbɔ no ho kɔntɔnkrɔn; ntoa akyerɛpɛn mmienu, wɔguu no sɛdeɛ aka no.


AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn.


Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu.


Na AWURADE adaka no twaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔbaa nsraban mu bɛdaa hɔ.


Na da a ɛtɔ so mmienu no, wɔtwaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔsane baa nsraban no mu. Wɔyɛɛ saa nnansia.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa.


Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.


Na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsene nkɔtwa kuro no ho nhyia, na wɔn a wɔamia no nsene nni AWURADE adaka no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan