Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 6:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na mmeranteɛ akwansrafoɔ no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne deɛ ɔwɔ nyinaa firi bae, na wɔde n’abusua nyinaa firii adi bɛgyaa wɔn Israel nsraban no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na mmeranteɛ akwansrafoɔ no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne deɛ ɔwɔ nyinaa firi bae, na wɔde n’abusua nyinaa firii adi bɛgyaa wɔn Israel nsraban no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Mmerante no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne na, ne nuabarimanom ne abusuafo a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa bae. Wɔde abusuafo no nyinaa kosiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfo atenae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Mmeranteɛ no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne maame, ne nuammarima ne abusuafoɔ a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa baeɛ. Wɔde abusuafoɔ no nyinaa kɔsiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfoɔ atenaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na mmerante akwansrafo no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne nea ɔwɔ nyinaa fi bae, na wɔde n’abusua nyinaa fii adi begyaw wɔn Israel nsra no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 6:23
15 Iomraidhean Croise  

Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.


Sɛ ebia sɛsɛɛ ateneneefoɔ aduonum wɔ kuro no mu a, anka wobɛpra wɔn agu a ateneneefoɔ aduonum a ɛwɔ mu no nti woremfa kuro no ho nkyɛ wɔn anaa?


Enti berɛ a Onyankopɔn sɛee kanko no nkuro no no, ɔkaee Abraham, na ɔgyee Lot firii butuo a ɔbutuu nkuro a Lot te mu no mu.


Na mo ara nso, mommɔ nsraban ntena mu nsraban no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obie ne obiara a waka ɔtɔfoɔ no, monnwira mo ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne mo nnommum no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim sɛdeɛ Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho, anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me deɛ, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa biara sɛ ɔmfra, anaasɛ ne ho nte.


kaa sɛ: Paulo, nsuro! Ɛtwa sɛ wokɔgyina Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.


Na ɛfa me ho bɛn na merebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bie? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mobu wɔn atɛn?


monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase.


Gyidie nti na odwamamfoɔ Rahab a ɔgyee akwansrafoɔ no asomdwoeɛ soɔ no ansɛe amfra wɔn a wɔannye annie no mu.


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammaanom ne deɛ wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na monyi yɛn mfiri owuo mu.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Bepɔ so na monkorɔ, na atifoɔ no anto mo, na monhunta hɔ nnansa nkɔsi sɛ atifoɔ no bɛsane, na ɛno akyiri no moakɔ mo kwan.


Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha,


Na ɔkyerɛɛ wɔn kuro no mu ahyɛneeɛ, na wɔde nkrantɛ ano bɔɔ kuro no, na ɔbarima no ne n’abusua nyinaa deɛ, wɔgyaa wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan