Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 6:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na mmarima baanu a wɔkɔsraa asase no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbaa dwamamfoɔ no fie nkɔfa ɔbaa no ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfiri hɔ, sɛdeɛ mokaa no ntam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na mmarima baanu a wɔkɔsraa asase no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbaa dwamamfoɔ no fie nkɔfa ɔbaa no ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfiri hɔ, sɛdeɛ mokaa no ntam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafo baanu no se, “Munni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ oguamanfo no fi na monkɔfa no ne nʼabusuafo nyinaa mmra.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafoɔ baanu no sɛ, “Monni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ odwamanfoɔ no fie na monkɔfa no ne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na mmarima baanu a wɔkɔsraa ase no de, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbea aguaman no fi nkɔfa ɔbea no ne nea ɔwɔ nyinaa mfi hɔ, sɛnea mokaa no ntam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 6:22
13 Iomraidhean Croise  

Gyidie nti na odwamamfoɔ Rahab a ɔgyee akwansrafoɔ no asomdwoeɛ soɔ no ansɛe amfra wɔn a wɔannye annie no mu.


Na kuro no nyɛ ahyiradeɛ, ɛno ne emu ade nyinaa mma AWURADE; odwamamfoɔ Rahab nko ara na ɔnnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fie nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔde abɔfoɔ a yɛsomaa wɔn no huntaeɛ.


Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔhene a ɔsii no hene a wammu ne nseɛ no, na wabu n’apam soɔ no tenabea, ne nkyɛn hɔ wɔ Babel, na ɔbɛwuo.


Na ɔfaa ahennie asefoɔ no mu obi, na ɔne no pamee, na ɔmaa no kaa no ntam, (na asase no so atumfoɔ no deɛ, ɔfaa wɔn kɔe),


Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.


Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntamu, na ɛda Dawid ne Saulo ba Yonatan ntamu no nti, ɔhene hunuu Saulo ba Yonatan ba Mefiboset mmɔbɔ.


Ɛno nti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ no. Nso na Gibeonfoɔ no mfiri Israelfoɔ mu, na mmom wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛ no bi, — na Israelfoɔ aka ntam akyerɛ wɔn sɛ wɔrenkum wɔn, nanso Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔku wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ maa Israel ne Yudafoɔ no mu.


Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.


Na mmeranteɛ akwansrafoɔ no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne deɛ ɔwɔ nyinaa firi bae, na wɔde n’abusua nyinaa firii adi bɛgyaa wɔn Israel nsraban no akyi.


Na ɔkyerɛɛ wɔn kuro no mu ahyɛneeɛ, na wɔde nkrantɛ ano bɔɔ kuro no, na ɔbarima no ne n’abusua nyinaa deɛ, wɔgyaa wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan