Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 6:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔde nkrantɛ ano sɛee deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie ne nnwan ne mfunumu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔde nkrantɛ ano sɛee deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie ne nnwan ne mfunumu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi, nguan, mfurum ne biribiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie, nnwan, mfunumu ne biribiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na wɔde nkrante sɛee nea ɛwɔ kurow no mu nyinaa pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi ne nguan ne mfurum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 6:21
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama onipa a mahyira no soɔ afiri wo nsa korɔ nti, wo kra bɛsi ne kra ananmu, na wo man asi ne man ananmu.


Siane firi w’animuonyam mu, na tena sukɔm asase so, O wo a wote Dibon! Na Moab sɛefoɔ atu reba wo so, ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no.


na boaboa emu asadeɛ nyinaa ano gu abɔntene so, na fa ogya hye kuro no ne emu asadeɛ no nyinaa sɛ afɔdeɛ mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo a wɔnnkyekyere bio.


Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa berɛ no, na yɛsɛee nkuro no nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa ne mmɔfra, yɛannya wɔn mu fua mpo,


Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma woɔ no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, ɛfiri sɛ ɛno bɛyɛ fidie ama wo.


Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no.


Na ɔfae, ne ne hene ne ne nkuro nyinaa, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.


Na wɔde nkrantɛ ano kunkumm akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasapasa, wɔannya biribiara a ɛhome, na ɔde ogya hyee Hasor.


Na nkuro yi mu asadeɛ nyinaa ne mmoa no deɛ, Israelfoɔ no fom faeɛ; nanso nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn kɔsii sɛ wɔhyee wɔn aseɛ, wɔannya biribiara a ɛhome.


Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.


Na yeinom nso firii adi firii kuro no mu bɛhyiaa wɔn, na wɔtɔɔ Israel ntam, yeinom wɔ ha, na yeinom nso wɔ ha; na wɔkunkumm wɔn ara kɔsii sɛ wɔn mu anikanfoɔ anaa odwanefoɔ biara anka.


Na Gibeonfoɔ tee deɛ Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no,


Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ: Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel atwene hwii ne no, na wɔrenhunu bio koraa.


Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.


Na ɔkyeree Amalekhene Agag animono, na ɔman no nyinaa deɛ, ɔde nkrantɛ ano sɛee wɔn pasapasa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan