Yosua 6:13 - New Revised Asante Twi Bible13 Na asɔfoɔ baason no kurakura osebɔ ntotorobɛnto nson no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron13 Na asɔfoɔ baason no kurakura osebɔ ntotorobɛnto nson no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm13 Asɔfo baason a wokurakura adwennimmɛn mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim, a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wokurakura akode no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wokurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa bere no nyinaa na asɔfo no rehyɛn wɔn mmɛn no. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm13 Asɔfoɔ baason a wɔkurakura nnwennini mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim wɔ ɛberɛ a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔkurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ no rehyɛne wɔn mmɛn no. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON13 na asɔfo baasɔn no kurakura osebɔ ntorobɛnto ason no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔhyɛn ntorobɛnto no. Faic an caibideil |