Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 5:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Israelfo no kyinkyinii wɔ sare no so mfe aduanan kosii sɛ mmarima a wotumi ko bere a wɔrefi Misraim no nyinaa wuwui. Efisɛ wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn ani nhu asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Israelfoɔ no kyinkyinii wɔ ɛserɛ no so mfeɛ aduanan kɔsii sɛ mmarima a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔrefiri Misraim no nyinaa wuwuiɛ. Ɛfiri sɛ, wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn nan rensi asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na mfirihyia aduanan na Israelfo no nantew sare so kosii sɛ akofo a wofi Misraim bae no nyinaa sae korakora, efisɛ wɔantie AWURADE nne ma AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 5:6
20 Iomraidhean Croise  

Wɔkyinkyinii anwea pradada so, nkyɛkyerɛ a ɛnni kwan so, wɔanhunu kuro biara antena mu.


Na mese: Mɛyi mo afiri Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ no.


Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.


Kɔ na kɔpae gu Yerusalem aso mu sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mekae wo mmabaaberɛ mu adɔeɛ, w’ayeforɔ berɛ mu dɔ no, m’akyiri a wodiiɛ wɔ ɛserɛ soɔ, asase a wɔnnua so adeɛ no so.


Nanso memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, ɛserɛ so sɛ, meremfa wɔn nkɔ asase a memaeɛ a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,


Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,


Na ɛda no, mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ asene nufosuo, na nsuo asene Yuda mmonhwa nyinaa mu; na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.


ampa ara, wɔrenhunu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no, na wɔn a wɔate me atua no mu biara renhunu.


Yeinom ne wɔn a Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa kan wɔn, kan a wɔkan Israelfoɔ Moab mpaperɛ soɔ Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no mu no.


Na afe a ɛtɔ so aduanan no, bosome a ɛtɔ so dubaako, bosome no ara da a ɛdi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa;


Na mfeɛ dodoɔ a yɛde nante firi Kades-barnea bɛsii sɛ yɛtwaa Sered asuwa no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe, bɛsii sɛ akofoɔ awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa wuwuiɛ firii nsraban no mu, sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no.


na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahunu wo serɛ kɛseɛ yi so nanteɛ yi; mfirinhyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo.


Wo ntoma ansu wo ho, na wo nan anhonhon mfirinhyia aduanan yi mu.


sɛdeɛ mekaa ntam wɔ m’abufuo mu no: Wɔrenhyɛne me home mu da.


Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.


na wɔsu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfoɔ no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo ani hunuu deɛ meyɛɛ Misraim, na motenaa ɛserɛ so nna pii.


Nanso ɔman no a wɔfiri Misraim firiiɛ no akyire wɔwoo wɔn kwan mu wɔ serɛ soɔ no nyinaa deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia.


Na wɔn mma na ɔmaa wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan