Yosua 4:8 - New Revised Asante Twi Bible8 Na Israelfoɔ no yɛɛ saa, sɛdeɛ Yosua hyɛeɛ no, na wɔtasee aboɔ dummienu Yordan mu, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na wɔde twa baa wɔn asoɛeɛ, na wɔgyaa no hɔ. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron8 Na Israelfoɔ no yɛɛ saa, sɛdeɛ Yosua hyɛeɛ no, na wɔtasee aboɔ dummienu Yordan mu, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na wɔde twa baa wɔn asoɛeɛ, na wɔgyaa no hɔ. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Enti, mmarima no yɛɛ sɛnea Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa abo dumien fii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɔbo baako biara gyina hɔ ma abusuakuw baako, sɛnea Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ faako a wɔtenaa hɔ anadwo no na wosii nkaedum wɔ hɔ. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm8 Enti, mmarima no yɛɛ sɛdeɛ Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa aboɔ dumienu firii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɛboɔ baako biara gyina hɔ ma abusuakuo baako, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ baabi a wɔtenaa hɔ anadwo no na wɔsii nkaeɛdum wɔ hɔ. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON8 Na Israelfo no yɛɛ saa, sɛnea Yosua hyɛe no, na wɔtasee abo dumien Yordan mu, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfo mmusuakuw no ano si, na wɔde twa baa wɔn asoɛe, na wogyawee wɔ hɔ. Faic an caibideil |