Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 4:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na monhyɛ wɔn sɛ: Montase aboɔ dummienu mfiri Yordan mfimfini ha mfiri deɛ asɔfoɔ no nan gyinaa pintinn hɔ, na momfa ntwa, na monkɔgya no mo asoɛeɛ a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na monhyɛ wɔn sɛ: Montase aboɔ dummienu mfiri Yordan mfimfini ha mfiri deɛ asɔfoɔ no nan gyinaa pintinn hɔ, na momfa ntwa, na monkɔgya no mo asoɛeɛ a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 na ka kyerɛ wɔn se, wɔmfa abo dumien mfi Yordan mfimfini nifa so wɔ faako a na asɔfo no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmegu faako a mobɛtena anadwo yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 na ka kyerɛ wɔn sɛ, wɔmfa aboɔ dumienu mfiri Yordan mfimfini nifa so wɔ baabi a na asɔfoɔ no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmɛgu baabi a mobɛtena anadwo yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na monhyɛ wɔn sɛ: Montase abo dumien mfi Yordan mfinimfini ha mfi nea asɔfo no anan gyinae pintinn hɔ, na momfa ntwa, na munkogyaw wɔ mo asoɛe a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 4:3
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔboɔ yi a mede mayɛ odum asi hɔ yi bɛyɛ Nyankopɔn fie. Na deɛ wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotosoɔ du du.


Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa.


AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mese mo sɛ: Yeinom mua wɔn ano a, anka aboɔ mpo bɛteam.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔboɔ yi nni yɛn adanseɛ, na ɛno na ate AWURADE nsɛm a ɔne yɛn kaeɛ no nyinaa; na ɛnni mo adanseɛ, na moampa mo Nyankopɔn akyi.


Na sɛ asɔfoɔ a wɔso AWURADE, asase nyinaa wura adaka no anammɔn ka Yordan nsuo no ara pɛ a, Yordan mu nsuo a ɛresiane firi atifi ba no bɛtwa, na abɔ kuo agyina hɔ.


Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dummienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ mu no, abusuakuo biara mu onipa baako.


Na Israelfoɔ no yɛɛ saa, sɛdeɛ Yosua hyɛeɛ no, na wɔtasee aboɔ dummienu Yordan mu, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na wɔde twa baa wɔn asoɛeɛ, na wɔgyaa no hɔ.


Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eser kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan