Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Asɔfo a na wɔso adaka no gyinaa asu no mfimfini hɔ ara kosii sɛ wɔyɛɛ Awurade ahyɛde a ɔnam Mose so de maa Yosua no nyinaa. Saa bere no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asu no koduu ne konkɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Asɔfoɔ a na wɔso adaka no gyinaa asuo no mfimfini hɔ ara kɔsii sɛ Awurade ahyɛdeɛ a ɔnam Mose so de maa Yosua no, wɔyɛɛ ne nyinaa. Saa ɛberɛ no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asuo no kɔsii ne konkɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na asɔfo a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kosii sɛ wowiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛnea Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 4:10
14 Iomraidhean Croise  

Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.


Na wɔde mmɔre a wɔde firi Misraim baeɛ no totoo apiti ɔfam, na na ɛnkae, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ no pamm wɔn, a wɔantwentwɛn wɔn nan ase, na wɔannya kwan nso ansiesie akwansoduane.


Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda no de bɛba.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane.


Na ɔka sɛ: Ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ, nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ! Hwɛ, ɛnnɛ ne adom berɛ; hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.


Na Mose twerɛɛ mmara yi, na ɔde maa asɔfoɔ no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.


Na motwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofoɔ ne mo koe ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Girgasifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa.


Na sɛ asɔfoɔ a wɔso AWURADE, asase nyinaa wura adaka no anammɔn ka Yordan nsuo no ara pɛ a, Yordan mu nsuo a ɛresiane firi atifi ba no bɛtwa, na abɔ kuo agyina hɔ.


Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim.


Na Yosua memaa aboɔ dummienu so sisii Yordan mu, deɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no nan sisiiɛ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan