Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 3:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfo a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ mudu Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnantew nkɔ nsu no mu kakra na munnyina.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfoɔ a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ moduru Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnante nkɔ nsuo no mu kakra na monnyina.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na wo de, hyɛ asɔfo a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ mudu Yordan nsu no ano a, munnyina Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 3:8
20 Iomraidhean Croise  

Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, AWURADE asoma me Yordan ano. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔn baanu no kɔe.


Na wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔbaa sɛdeɛ ɔhene hyɛɛ no AWURADE nsɛm soɔ no, sɛ wɔrebɛpepa AWURADE fie no mu.


Na Hesekia kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no so. Na ɛberɛ a wɔfirii ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ aseɛ no, AWURADE dwom ne ntotorobɛntohyɛne nso firii aseɛ Israelhene Dawid dwontoɔ nnoɔma no so.


Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so.


Na mesee Lewifoɔ no sɛ wɔnnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apono no ano, na wɔnyɛ home da no kronkron. Yei ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me sɛdeɛ w’adɔeɛ bebree no teɛ.


Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.


Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm twɛn AWURADE nkwagyeɛ;


Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.


kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso no a, mo nso montu mfiri deɛ mowɔ, na monni akyire;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.


Na Yosua ka kyerɛɛ Israel mma no sɛ: Montwe mmra ha, na montie AWURADE mo Nyankopɔn nsɛm.


Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan