Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 3:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Saa bere no mu, asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subon no mfimfini maa nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛn wɔ hɔ kosii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Saa ɛberɛ no mu, asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subɔnhwa no mfimfini ma nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛnee wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Nso na Yordan ayiri asram ne kɔn so awitwabere na asɔfo a wɔso apam adaka no gyinaa asase kesee so Yordan mfinimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase kesee so twae de kosii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 3:17
14 Iomraidhean Croise  

Na Elia faa ne ngusoɔ bobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu no nam asase pɛsɛɛ so twae.


Ɔmaa ɛpo danee asase pɛsɛɛ, wɔde anammɔn twaa asu kɛseɛ, ɛno nti yɛn ani gye ne ho.


Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee.


Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.


Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.


Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ motwa Yordan kɔ Kanaan asase so a,


Gyidie na wɔde twaa Mmɛwa Po no sɛ fam a awoɔ. Ɛno na Misraimfoɔ resɔ ahwɛ no, ɛmenee wɔn.


Na ɔman mu no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:


Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.


Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim.


Momma mo mma nhunu sɛ asase pɛsɛɛ so na Israel fa de twaa Yordan yi,


na monhyɛ wɔn sɛ: Montase aboɔ dummienu mfiri Yordan mfimfini ha mfiri deɛ asɔfoɔ no nan gyinaa pintinn hɔ, na momfa ntwa, na monkɔgya no mo asoɛeɛ a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi.


Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan