Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 3:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na sɛ asɔfoɔ a wɔso AWURADE, asase nyinaa wura adaka no anammɔn ka Yordan nsuo no ara pɛ a, Yordan mu nsuo a ɛresiane firi atifi ba no bɛtwa, na abɔ kuo agyina hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na sɛ asɔfoɔ a wɔso AWURADE, asase nyinaa wura adaka no anammɔn ka Yordan nsuo no ara pɛ a, Yordan mu nsuo a ɛresiane firi atifi ba no bɛtwa, na abɔ kuo agyina hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Asɔfo no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si asu no mu ara pɛ, nsu no betwa afi atifi ama ano aboa wɔ hɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Asɔfoɔ no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si nsuo no mu ara pɛ, asuo no bɛtwa afiri atifi ama ano aboa wɔ hɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na sɛ asɔfo a wɔso Awurade, asase nyinaa wura no, adaka no anammɔn ka Yordan nsu no ara pɛ a, Yordan mu nsu a esian fi atifi ba no betwa, na abɔ kuw agyina hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 3:13
13 Iomraidhean Croise  

Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.


Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo, ɔde ebunu sie deɛ ɛhɔ dɔ.


Wo na woyii nsuo ani ne asubɔnten, womaa asukɛseɛ a ɛsene daa wee.


Ɔpaee ɛpo mu de wɔn twaa mu, na ɔmaa nsuo gyinaa sɛ ekuo.


Na wo hwene mu ahome mu na nsuo no ano boaeɛ; asorɔkyeɛ gyinaa sɛ ekuo; abunu kyekyeree ɛpo yam.


Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.


Wode wo apɔnkɔ si po mu, nsuo pii a ɛhuro no mu.


Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn.


Hwɛ, asase nyinaa wura apam adaka no redi w’anim akɔ Yordan mu.


Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsuo no twae, AWURADE apam adaka no anim; ɛtwaa Yordan no, Yordan nsuo no twae; na aboɔ yi nyɛ nkaeɛ mma Israelfoɔ nkɔsi daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan