Yosua 3:10 - New Revised Asante Twi Bible10 Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron10 Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm10 Nnɛ mubehu sɛ Onyankopɔn teasefo no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfo, Hetifo, Hewifo, Perisifo, Girgasifo, Amorifo ne Yebusifo. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm10 Ɛnnɛ mobɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Hewifoɔ, Perisifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ ne Yebusifoɔ. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON10 Ɛnna Yosua kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ Onyankopɔn teasefo no wɔ mo mu, na ɔpam na ɔbɛpam Kanaanfo ne Hetifo ne Hewifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo no afi mo anim. Faic an caibideil |