Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ade kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfo no nyinaa tu fii Sitim koduu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa tu firii Sitim kɔduruu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wotu fii Sitim, na woduu Yordan ano, ɔno ne Israelfo nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wotwae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 3:1
16 Iomraidhean Croise  

Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduane ne nsuo kotokuo, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ɔmaa no ne abɔfra no kɔe. Na ɔkɔe kɔkyinkyinii Beer-seba serɛ so.


Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.


Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.


Ɛfiri Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ de bɛduru nnɛ da yi, mfirinhyia aduonu mmiɛnsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn maa metuaa nhema meka kyerɛɛ mo, na moantie.


na montie me nkoa adiyifoɔ a meresoma wɔn mo nkyɛn a metua nhema mesoma wɔn, na moantie wɔn nsɛm no a,


Na afei, ɛsiane sɛ moayɛ yeinom nyinaa, AWURADE asɛm nie, na matua nhema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye soɔ nti,


Me man, kae agyina a Moabhene Balak tuiɛ, ne deɛ Beor ba Bileam de buaa no, ɛfiri Sitim kɔduru Gilgal, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na woahunu AWURADE nsɛntenenee no.


Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no firii aseɛ ne Moab mmabaa bɔɔ adwaman;


Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.


Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.


Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa AWURADE adaka no.


Na da a ɛtɔ so nson no, adeɛ rekye pɛ, na wɔtuaa nhema sɔree ntɛm, na wɔtwaa kuro no ho hyiaa saa ara mprɛnson; da no nko ara na wɔtwaa kuro no ho hyiaa mprɛnson.


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel pinkyɛe abusuakuo abusuakuo. Na wɔkyeree Yuda abusuakuo.


Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanimfoɔ foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.


Na Israelfoɔ no sɔree anɔpa kɔkyeree Gibea so nsraban.


Na Dawid sɔree anɔpahema gyaa nnwan no hyɛɛ ɔhwɛfoɔ nsa, na ɔsoa kɔeɛ, sɛdeɛ Yisai hyɛɛ no no; na ɔkɔduruu nteaseɛnam aboaeɛ; na ɛdɔm no refiri adi akɔ mpasua mu na wɔbɔɔ ɔko no ho se,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan