Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 24:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na wɔsu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfoɔ no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo ani hunuu deɛ meyɛɛ Misraim, na motenaa ɛserɛ so nna pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 na wɔsu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfoɔ no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo ani hunuu deɛ meyɛɛ Misraim, na motenaa ɛserɛ so nna pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Musu frɛɛ Awurade no, mede sum bɛtoo mo ne Misraimfo no ntam, memaa Po no bu faa wɔn so kataa wɔn so. Mo ankasa mo de mo ani huu nea meyɛe. Afei motenaa sare so mfe bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mosu frɛɛ Awurade no, mede esum bɛtoo mo ne Misraimfoɔ no ntam, memaa Ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so. Mo ankasa mode mo ani hunuu deɛ meyɛeɛ. Afei motenaa ɛserɛ so mfeɛ bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na wosu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfo no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo aniwa huu nea meyɛɛ Misraim, na motenaa sare so nna pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 24:7
14 Iomraidhean Croise  

Na Farao bɛneeɛ no, Israelfoɔ no memaa wɔn ani so, na hwɛ, na Misraimfoɔ di wɔn akyiri reba. Na Israelfoɔ no suroo pii, na wɔsu frɛɛ AWURADE.


na ɛbɛfirii Misraim dɔm ne Israel dɔm ntam, na ɛyɛ mununkum ne esum, nanso ɛma hann anadwo, na amma yeinom antumi ammɛn yeinom anadwo no nyinaa.


Na Israel hunuu nsa kɛseɛ a AWURADE de kyerɛɛ Misraim soɔ no, na ɔman no suroo AWURADE, na wɔgyee AWURADE ne n’akoa Mose diiɛ.


Ɛnna motenaa Kades dii nna pii, sɛdeɛ nna a mode tenaa hɔ teɛ no.


Na mfeɛ dodoɔ a yɛde nante firi Kades-barnea bɛsii sɛ yɛtwaa Sered asuwa no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe, bɛsii sɛ akofoɔ awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa wuwuiɛ firii nsraban no mu, sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no.


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo ani so wɔ Misraim asase soɔ no nyinaa,


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Na ɛhefoɔ ho na ɛyɛɛ no ahi mfirinhyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu serɛ soɔ no anaa?


Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan