Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 24:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim maa wɔpamoo wɔn firii mo anim, Amorifoɔ ahemfo baanu no, ɛnyɛ wo nkrantɛ so na ɛnyɛ wo tadua soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim maa wɔpamm wɔn firii mo anim, Amorifoɔ ahemfo baanu no, ɛnyɛ wo nkrantɛ so na ɛnyɛ wo tadua soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpam Amorifo ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo afoa anaa mo agyan na ɛma mudii nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpamoo Amorifoɔ ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo akofena anaa mo agyan na ɛma modii nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim ma wɔpam wɔn fii mo anim, Amorifo ahene baanu no, ɛnyɛ wo nkrante so na ɛnyɛ wo tadua so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 24:12
13 Iomraidhean Croise  

Amorifoɔ hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahennie nyinaa,


Ne nwunu kataa mmepɔ so, na ne nhoma kataa Nyankopɔn tweneduro so.


Woyii n’anim kwan, na ɛgyee nhini, na ɛyɛɛ asase ma.


Na mɛsoma nkotokurodu adi w’anim na wɔapam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ no wɔ w’anim.


Na mɛtwa w’ahyeɛ afiri Mmɛwa Po ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na afiri ɛserɛ so akɔsi asuo no ano; na mɛyi asase no sofoɔ mahyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.


Na Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so.


Na Mose somaa maa wɔkɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkuraa, na ɔtuu Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.


Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛdeɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase.


Yordan agya, bonhwa no mu, Bet-peor ntentensoɔ, Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfoɔ firi Misraim baeɛ no, wɔkum no no asase so.


Na wɔfaa n’asase ne Basan hene Og asase, Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔtenatenaa Yordan agya, apueeɛ fam no, asase,


Nkotokurodu nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛsoma ama wɔakɔ wɔn mu akɔsi sɛ wɔn a wɔaka na wɔahunta no bɛsɛe w’anim.


Na yɛate sɛdeɛ mo Misraim fire mu no AWURADE maa Mmɛwa Po mu nsuo wee wɔ mo anim ne deɛ moyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasapasa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan