Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 23:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛsunsum wɔn afiri mo anim na ɔbɛtu wɔn afiri mo anim sɛ monni wɔn asase so, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛsunsum wɔn afiri mo anim na ɔbɛtu wɔn afiri mo anim sɛ monni wɔn asase so, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Saa asase yi bɛyɛ mo dea, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn bɛpam nnipa a wɔtete so mprempren no nyinaa. Mubesi wɔn anan mu atena hɔ, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Saa asase yi bɛyɛ mo dea, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛpamo nnipa a wɔtete so seesei no nyinaa. Mobɛsi wɔn anan mu atena hɔ, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na obesunsum wɔn afi mo anim na obetu wɔn afi mo anim sɛ munni wɔn asase so, sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 23:5
9 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim akɔhwɛ wo ɛkwan mu, na ɔde wo akɔduru deɛ masiesie hɔ no.


Na mɛsoma ɔbɔfoɔ adi w’anim, na matu Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no.


Di deɛ mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri w’anim.


ɛnneɛ AWURADE bɛtutu amanaman yi nyinaa afiri mo anim, na moafa amanaman akɛseɛ a wɔyɛ den sene mo.


wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot-maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.


me nso merenkɔ so mentu amanaman a Yosua wu gyaa wɔn no mu biara bio, wɔn anim,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan