Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 23:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na mo nso moahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi, mo anim; na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na mo nso moahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi, mo anim; na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Moahu biribiara a Awurade, mo Nyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Nyankopɔn ako atia mo atamfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Moahunu biribiara a Awurade, mo Onyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Onyankopɔn ako atia mo atamfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na mo nso moahu nea AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi mo anim na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 23:3
13 Iomraidhean Croise  

AWURADE bɛko ama mo, na mo deɛ, monyɛ komm!


Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi.


ɛfiri sɛ mede wɔn baa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no soɔ no, sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara, na wɔrebɔ wɔn afɔdeɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛhuru me boɔ no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hwa hwamhwam ma wɔ hɔ, na wɔhwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ.


Na mo ani bɛhunu, na mo deɛ, mobɛka sɛ: AWURADE kɛseyɛ tra Israel hyeɛ no so.


AWURADE mo Nyankopɔn a ɔdi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛdeɛ ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara,


ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfoɔ rekɔko ama mo na wagye mo.


Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu.


Sɛ wose no w’akoma mu sɛ: Amanaman yi dɔɔso sene me, mɛyɛ dɛn na matumi matu wɔn?


Na ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afiri wiase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛsɛe wɔn.


Na ɛda bi mmae sɛ ɛno, anim anaa akyire a AWURADE atie onipa nne, ɛfiri sɛ AWURADE ko maa Israel.


Na ahemfo yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua faa no prɛko, ɛfiri sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ko maa Israel.


Mo mu baako bɛpamo nnipa apem, na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko ma mo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan