Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 23:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Yosua frɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, mabɔ akora, na madi nna pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Yosua frɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, mabɔ akora, na madi nna pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 frɛɛ mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mprempren, mabɔ akwakoraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 frɛɛ mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Seesei, mabɔ akɔkoraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanyimfo ne wɔn atitiriw, ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, mabɔ akora, madi nna pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 23:2
11 Iomraidhean Croise  

Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne ho anyɛ no hye.


Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba.


Na Dawid boaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ano hyiae.


Na bobe nturo so na Ramatni Simei die, na bobe nturo no mu akoransa no so na Sifimni Sabdi die.


Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuo so mmapɔmma ne akuo so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahodeɛ ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifoɔ, ne nnɔmmarima no, ne mmarima a wɔawedare wɔ ɔko mu nyinaa baa Yerusalem.


Momma mo mmusuakuo mu mpanimfoɔ nyinaa ne mo ahwɛfoɔ mmɛbɔ me nkyɛn dwa, na menka nsɛm yi nyinaa ngu wɔn aso mu, na memfrɛ ɔsoro ne asase nni wɔn adanseɛ.


Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.


Na mo nso moahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi, mo anim; na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.


Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuo no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na wɔbɛgyinaa Nyankopɔn anim.


Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me deɛ, mefiri me mmɔfraase na manante mo anim mabɛduru nnɛ da yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan