Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 23:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ AWURADE abufuo bɛdɛre atia mo, na moasɛe ntɛm afiri asase pa a ɔde ama mo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ AWURADE abufuo bɛdɛre atia mo, na moasɛe ntɛm afiri asase pa a ɔde ama mo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Sɛ mubu Awurade, mo Nyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforo a, nʼabufuw bɛhyew mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afi asase pa a ɔde ama mo no so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Sɛ mobu Awurade, mo Onyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforɔ a, nʼabufuo bɛhye mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afiri asase pa a ɔde ama mo no so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforo na mosɔre wɔn a, ɛnne AWURADE abufuw bɛdɛw ahyɛ mo, na moasɛe ntɛm afi asase pa a ɔde ama mo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 23:16
16 Iomraidhean Croise  

AWURADE bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire woso nsuo mu, na watutu Israel afiri asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, ɛsiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo.


Na sɛ mo ne mo mma sane firi m’akyire, na moanni me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ a mede magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a,


ɛnneɛ mɛtwa Israel afiri asase a mede mama wɔn no ani, na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene, na Israel bɛdane ɛbɛ ne fɛwdie aman nyinaa mu.


Na ɛbaa saa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ Misraimhene Farao nsam baeɛ no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforɔ,


Na ɛnam AWURADE abufuo so na ɔtuu Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. Na Sedekia tee Babel hene so atua.


Asase ho akum wɔ ɛsotefoɔ ase, ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakyera ahyɛdeɛ no na wɔato daa apam no.


Na wɔba bɛdii soɔ no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Hwɛ, epie no reduru kuro no ho sɛ wɔrebɛgyeɛ, na wɔde kuro no bɛhyɛ Kaldeafoɔ a wɔne no reko no nsa, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na nsɛm a wokaeɛ no aba mu, na hwɛ, wohunu.


Na sɛdeɛ mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo.


na ɔkɔ kɔsom anyame foforɔ bi te sɛ owia anaa ɔsrane anaa ɔsoro asafo a mabara no mu biara,


Nanso ɛbɛba sɛ, sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo.


na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufoɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuo annɛre antia wo, na wansɛe wo amfiri asase ani.


Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.


Na AWURADE abufuo dɔre tiaa Israel, na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wɔntie me nne yi,


Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnneɛ wɔbɛsesa mo ne mo hene nyinaa akɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan