Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 23:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE maa Israel home firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyire nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE maa Israel home firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyire nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mfe bebree twaa mu a Awurade maa Israelfo no ahotɔ a wɔn atamfo no mu biara anhaw wɔn bio. Yosua a afei na wanyin yiye no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mfeɛ bebree twaam a Awurade maa Israelfoɔ no ahotɔ a wɔn atamfoɔ no mu biara anha wɔn bio. Yosua a afei na wanyini yie no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Nna pii akyi no, AWURADE maa Israel home fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam, saa bere no na Yosua abɔ akora, na wadi nna bebree no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 23:1
15 Iomraidhean Croise  

Na Abraham gyaa ne honhom mu, na ɔwuu ɛdwono pa mu, wabɔ akɔkoraa, na ɔnyaa mfeɛ pii. Na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.


Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne ho anyɛ no hye.


Na Dawid kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn ama me man ho adwo wɔn, na ɔte Yerusalem daa.


Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan.


Na Abia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu, na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ. Ne berɛ so na asase no so dwoo mfeɛ du.


Na ɔyiyii Yuda nkuro nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne nnuhwam afɔremmukyia no. Na ahennie no mu dwoe wɔ n’ase.


Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae.


Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano, ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini, ɔde ogya hye nteaseɛnam.


AWURADE honhom maa wɔhomee sɛ mmoa a wɔsiane kɔ bonhwa mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee animuonyam din faeɛ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ madi mfeɛ ɔha aduonu, me a mentumi nkɔ na me nso a mentumi mma; afei nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.


Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.


Na AWURADE maa wɔn asomdwoeɛ hyiae, sɛdeɛ ɔkaa wɔn nananom ntam no ara, na wɔn atamfoɔ nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfoɔ no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.


Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsane na monkɔ mo ntomadan mu, mo agyapadeɛ asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so.


Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me deɛ, mefiri me mmɔfraase na manante mo anim mabɛduru nnɛ da yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan