Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 22:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nnoɔma bebree nsane nkɔ mo ntomadan mu, mmoa bebree pa ara ne dwetɛ ne sika ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne ntoma pii pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfoɔ asadeɛ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nnoɔma bebree nsane nkɔ mo ntomadan mu, mmoa bebree pa ne dwetɛ ne sika ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne ntoma pii pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfoɔ asadeɛ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 kae se, “Agyapade bebrebe a moanya afi mo atamfo nkyɛn no, mo ne mo abusuafo a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwi dodow ne nguan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafrae, dade ne adurade no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 kaa sɛ, “Agyapadeɛ bebrebe a moanya afiri mo atamfoɔ nkyɛn no, mo ne mo abusuafoɔ a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwie dodoɔ ne nnwan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ ne aduradeɛ no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nneɛma bebree nsan nkɔ mo ntamadan mu, mmoa bebree pa ne dwetɛ ne sika ne kɔbere ne dade ne ntama bebree pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfo asade no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 22:8
12 Iomraidhean Croise  

Na apueeɛ fam nso ɔtena de kɔsii anwea pradada so a ɛfiri Eufrate asubɔnten ano; na wɔn mmoakuo dɔɔso Gilead asase so.


Na AWURADE maa n’ahennie no timii wɔ ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛdeɛ brɛɛ Yehosafat, na ɔnyaa adedodoɔ ne animuonyam bebree.


Na Hesekia nyaa ne ho ne animuonyam pii, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhwam ne akyɛm ne afɛfɛdeɛ nyinaa


Atamfoɔ dɔm ahemfo bɛdwanedwane, na ɔbaa a ɔte fie no akyekyɛ asadeɛ mu.


Onyinkyerɛ wɔ ne nifa mu, ne benkum kura adeɛ ne animuonyam.


Na kyɛ asadeɛ no mu mmienu ma akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no ne asafo no nyinaa.


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Ɔbuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛseɛ senee Misraim ahonyadeɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛɛ akatua no.


Na ɔde no siane kɔeɛ; na hwɛ, asadeɛ bebrebe a wɔakɔfa no Filistifoɔ asase soɔ ne Yuda asase soɔ no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa a na wɔredidi na wɔrenom na wɔresa.


Na hwan na ɔbɛtie mo, asɛm yi mu? Na sɛ deɛ ɔkɔ akono kyɛfa teɛ no, saa ara na deɛ ɔtenaa nnoɔma ho no nso kyɛfa teɛ, wɔnkyɛ mu pɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan