Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 21:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Israelfoɔ no nam ntonto so de nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose nsa so hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Israelfoɔ no nam ntonto so de nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose nsa so hyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti Israelfo no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkurow yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti, Israelfoɔ no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkuro yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Israelfo nam ntonto so de nkurow yi ne ɛho mfikyisase maa Lewifo, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 21:8
11 Iomraidhean Croise  

Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔn nkrantɛ yɛ aniɛden akodeɛ.


Wɔadome wɔn abufuo, sɛ ɛso, ne wɔn anibereɛ, sɛ emu yɛ den. Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu, na mabɔ wɔn ahwete Israel mu.


Srɛ so na wɔtwe tonto, na atemmuo nyinaa firi AWURADE.


Ntonto pata ntɔkwa, na ɛpae atumfoɔ ntam.


Na Gad mma ne Ruben mma no ba bɛka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mu mmapɔmma no sɛ:


Na momfa tontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuo no: Abusuakuo a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, momma ne kyɛfa nsua; deɛ obiara tonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne deɛ; monnyegye mo kyɛfa sɛdeɛ mo nananom mmusuakuo teɛ.


Na nkuro no nyɛ wɔn tenabea, na ɛho mmoa adidibea nsase no nneda hɔ mma wɔn anantwie ne wɔn nyɛmmoa ne wɔn mmoa nyinaa.


Na montwerɛ asase no nkyekyɛmu nson no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.


Na Israelfoɔ nam AWURADE anomu asɛm so de wɔn agyapadeɛ mu nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ.


Merari mma sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔnyaa Ruben abusuakuo ne Gad abusuakuo ne Sebulon abusuakuo mu nkuro dummienu.


Na wɔde Yudafoɔ abusuakuo ne Simeonfoɔ abusuakuo mu nkuro a wɔbɛbobɔ din yi mae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan