Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 21:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Na AWURADE maa wɔn asomdwoeɛ hyiae, sɛdeɛ ɔkaa wɔn nananom ntam no ara, na wɔn atamfoɔ nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfoɔ no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Na AWURADE maa wɔn asomdwoeɛ hyiae, sɛdeɛ ɔkaa wɔn nananom ntam no ara, na wɔn atamfoɔ nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfoɔ no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Na Awurade ma wonyaa ɔhome wɔ afanan nyinaa, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfo biara antumi annyina wɔn anim, efisɛ Awurade boaa wɔn ma wodii wɔn atamfo so nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Na Awurade ma wɔnyaa ahomeɛ wɔ afanan nyinaa, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfoɔ biara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ, Awurade boaa wɔn ma wɔdii wɔn atamfoɔ so nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Na AWURADE maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, na wɔn atamfo nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfo no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 21:44
19 Iomraidhean Croise  

Na Israelfoɔ no dii nkoguo wɔ Yuda anim, na Onyankopɔn de wɔn hyɛɛ wɔn nsa.


Na mɛtwa w’ahyeɛ afiri Mmɛwa Po ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na afiri ɛserɛ so akɔsi asuo no ano; na mɛyi asase no sofoɔ mahyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.


Na AWURADE kaa sɛ: Me ara ankasa mɛdi wo anim ne wo akɔ, na mama woakɔhome.


AWURADE honhom maa wɔhomee sɛ mmoa a wɔsiane kɔ bonhwa mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee animuonyam din faeɛ.


Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa ano ne kuro a ɛda subonhwa no mu no so de kɔsi Gilead, kuro biara nni hɔ a na ɛyɛ den sene yɛn; AWURADE yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.


Sɛ wotu sa ne w’atamfo rekɔko, na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn hyɛ wo nsa, na wofa wɔn mu bi nnommum,


Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man.


Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo;


nkɔsi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wɔbɛdi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasane aba mo sodie asase no so abɛdi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapueeɛ hɔ no.


Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.


Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.


Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.


Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsane na monkɔ mo ntomadan mu, mo agyapadeɛ asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so.


Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no firii Israelfoɔ no nkyɛn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ sane wɔn akyiri sɛ wɔrekɔ Gilead asase so, wɔn sodie asase a wɔnam AWURADE ahyɛdeɛ a ɛnam Mose soɔ no so de maa wɔn no.


Na AWURADE maa Israel home firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyire nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan