Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 21:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔde Kiriat-arba, (Anak agya Arba) ne kuro a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia no maa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔde Kiriat-arba, (Anak agya Arba) ne kuro a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia no maa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔde Kiriat-arba, Anak agya no kurow a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw so ne ɛho mfikyisase a etwa ho hyia no maa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 21:11
15 Iomraidhean Croise  

Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.


Na Yakob baa n’agya Isak nkyɛn wɔ Mamre, wɔ Kiriat-arba (a ɛne Hebron), deɛ Abraham ne Isak tenaeɛ sɛ ahɔhoɔ no.


Na mfirinhyia nnan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboadeɛ a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron.


na wɔmaa wɔn Hebron, Yuda asase so ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia;


Na nna no mu ara, Maria de ahoɔherɛ sɔre kɔɔ mmepɔ so Yuda kuro no mu,


Nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba. Arba yi ne Anakfoɔ mu nipa kɛseɛ koraa. Na asase no so dwo firii akodie mu.


ne Humta ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron), ne Sior: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa.


Na ɛba maa Aaron mma a wɔfiri Kohatfoɔ mmusua mu, Lewifoɔ no mu no, ɛfiri sɛ wɔn deɛ ne ntonto a ɛdi kan no.


Na kuro no ho mfofowa ne nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb agyapadeɛ.


Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkumm Sesai ne Ahiman ne Talmai.


ne wɔn a wɔwɔ Hebron, ne mmeammea a Dawid ne ne nnipa kyinkyiniiɛ hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan