Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 21:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Lewifoɔ agyanom atitire baa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom atitire nkyɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Lewifoɔ agyanom atitire baa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom atitire nkyɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Lewifo abusua mu ntuanofo kɔɔ ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw a aka mu ntuanofo no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Lewifoɔ abusua mu ntuanofoɔ kɔɔ ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo a aka mu ntuanofoɔ nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Lewifo agyanom atitiriw baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw agyanom atitiriw nkyɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 21:1
9 Iomraidhean Croise  

Wɔadome wɔn abufuo, sɛ ɛso, ne wɔn anibereɛ, sɛ emu yɛ den. Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu, na mabɔ wɔn ahwete Israel mu.


Yeinom ne wɔn nananom afie mu atitire: Israel abakan Ruben mma ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi; yeinom ne Ruben mmusua.


Na Aaron ba Eleasa faa Putiel mma mu bi waree, na ɔwoo Pinehas maa no. Yeinom ne Lewifoɔ nananom atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ:


Na nkuro a mogye firi Israelfoɔ no agyapadeɛ mu ma Lewifoɔ no, wɔn a wɔn deɛ dɔɔso no, wɔn hɔ na monnye pii, na wɔn a wɔn deɛ sua no, monnye wɔn hɔ kakraa bi. Obiara sɛdeɛ n’agyapadeɛ a wanya no dodoɔ teɛ no na ɔmfa ne nkuro no bi mma Lewifoɔ.


Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn,


Na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkaa sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anomu asɛm no so maa wɔn agyapadeɛ wɔn agya nuanom no mu.


Yeinom ne agyapadeɛ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom mu atitire no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na wɔwiee asase no mu kyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan