Yosua 20:9 - New Revised Asante Twi Bible9 Yeinom ne nkuro a wɔyiyi totoo hɔ maa Israelfoɔ nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a ɔkum ɔkra bi nsapa mu no nnwane nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefoɔ nsam de kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron9 Yeinom ne nkuro a wɔyiyi totoo hɔ maa Israelfoɔ nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a ɔkum ɔkra bi nsapa mu no nnwane nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefoɔ nsam de kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 Eyinom ne nkuropɔn a woyiyi maa Israelfo ne ahɔho a wɔne wɔn te no. Obiara a wamfi ɔboayɛ mu ankum ɔfoforo no, otumi kɔhwehwɛ guankɔbea wɔ saa nkuropɔn yi biara so. Sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so a wɔn a wɔrehwehwɛ aweretɔ no nsa renka awudifo no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfo asennii abeyi wɔn ho ano. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm9 Yeinom ne nkuropɔn a wɔyiyi maa Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne wɔn teɛ no. Obiara a wanfiri boapayɛ mu ankum ɔfoforɔ no, ɔtumi kɔpɛ dwanekɔbea wɔ saa nkuropɔn yi mu biara so. Sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so a wɔn a wɔrepɛ aweretɔ nsa renka awudifoɔ no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfoɔ asɛnniiɛ abɛyi wɔn ho ano. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON9 Eyinom ne nkurow a woyiyi totoo hɔ maa Israelfo nyinaa ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a okum ɔkra bi nsapa mu no nguan nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefo nsam, akosi sɛ obegyina asafo no anim. Faic an caibideil |