Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 20:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna wɔyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔ so, Sekem wɔ Efraim bepɔ so, ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron) wɔ Yuda bepɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɛnna wɔyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔ so, Sekem wɔ Efraim bepɔ so, ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron) wɔ Yuda bepɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nkuropɔn a edidi so yi na woyiyi yɛɛ hɔ guankɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔw asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nkuropɔn a ɛdidi so yi na wɔyiyi yɛɛ hɔ dwanekɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔ asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna woyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔw so, ne Sekem, Efraim bepɔw so, ne Kiriat-arba a ɛne Hebron wɔ Yuda bepɔw so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 20:7
22 Iomraidhean Croise  

Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.


Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem; na Sekem na Israel nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene.


ne Naftali abusuakuo mu: Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Hamon ne ɛho asase ne Kiriataim ne ɛho asase.


Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem, deɛ na Israelfoɔ nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene.


Na nkuro a mode ma Lewifoɔ no nyɛ dwanekɔbea nkuro nsia a mode bɛma sɛ nnipakumfoɔ nnwane nkɔ hɔ; na momfa nkuro aduanan mmienu nka ho:


Na nna no mu ara, Maria de ahoɔherɛ sɔre kɔɔ mmepɔ so Yuda kuro no mu,


na sɛ wodi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so yɛ, na wodɔ AWURADE wo Nyankopɔn na wonante n’akwan so nna nyinaa a, ɛnneɛ yiyi nkuro mmiɛnsa bio ka mmiɛnsa yi ho fa,


Ɛno na Mose yiyii nkuro mmiɛnsa, Yordan agya deɛ owia pue,


Kedeshene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene,


Nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba. Arba yi ne Anakfoɔ mu nipa kɛseɛ koraa. Na asase no so dwo firii akodie mu.


Na Yefune ba Kaleb deɛ, ɔmaa no kyɛfa, Yudafoɔ no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Yosua no: (Anak agya Arba) kuro a ɛne Hebron.


Na nkuro a wɔatoto ho afasuo nie: Sidim, Ser, Hamat, Rakat, Kineret,


Kedes, Edrei, En-hasor,


Na Yordan agya, Yeriko apueeɛ nso wɔyii Beser, ɛserɛ so asaseta so de firii Ruben abusuakuo mu, na Ramot wɔ Gilead de firii Gad abusuakuo mu, ne Golan wɔ Basan de firii Manase abusuakuo mu mae.


Na wɔde Kiriat-arba, (Anak agya Arba) ne kuro a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia no maa wɔn.


Na Ɔsɔfoɔ Aaron mma no, wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Hebron ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn ne Libna ne ɛho mmoa adidibea nsase,


Wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Sekem ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn, Efraim bepɔ so, ne Geser ne ɛho mmoa adidibea nsase,


ne Naftali abusuakuo mu: Nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkuro mmiɛnsa.


Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuo no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na wɔbɛgyinaa Nyankopɔn anim.


Ɛnna Yerubaal ba Abimelek sii mu kɔɔ Sekem ne na nuanom nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na n’agya fie abusua nyinaa sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan