Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buae se, “Mmarima no baa me ha de, nanso minnim faako a wofi bae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buaa sɛ, “Mmarima no baa me ha deɛ, nanso mennim baabi a wɔfiri baeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔbea no faa mmarima baanu no de wɔn hintawee; na ɔkae sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn de, nanso minnim nea wofi;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 2:4
9 Iomraidhean Croise  

Na Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan nie, na ɛnyɛ kuro no nie, monni m’akyi, na memfa mo nkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no nkyɛn. Na ɔde wɔn kɔɔ Samaria.


Na awogyefoɔ no buaa Farao sɛ: Hebrifoɔ mmaa nte sɛ Misraimfoɔ mmaa, ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔyɛ pirimpirim; awogyefoɔ no nnya nnuruu wɔn nkyɛn no, na wɔawo dada.


Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wɔfiri buu odwamamfoɔ Rahab bem, sɛ ɔgyee abɔfoɔ no na ɔmaa wɔfaa kwan foforɔ so kɔeɛ no anaa?


Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra.


na esum duruiɛ a wɔrebɛto kuro pono no mu no, na mmarima no firii adie; mennim deɛ wɔkorɔ. Monti wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn.


Na kuro no nyɛ ahyiradeɛ, ɛno ne emu ade nyinaa mma AWURADE; odwamamfoɔ Rahab nko ara na ɔnnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fie nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔde abɔfoɔ a yɛsomaa wɔn no huntaeɛ.


Na odwamamfoɔ Rahab ne n’agya fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa deɛ, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de bɛsi nnɛ, ɛfiri sɛ ɔde abɔfoɔ a Yosua soma maa wɔkɔsraa Yeriko no huntae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan