Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 2:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 na obiara a ɔbɛfiri adi afiri wo fie pono ano akɔ abɔntene soɔ no, ne mogya bɛgu n’atifi, na yɛn deɛ, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn efie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 na obiara a ɔbɛfiri adi afiri wo fie pono ano akɔ abɔntene soɔ no, ne mogya bɛgu n’atifi, na yɛn deɛ, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn efie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Sɛ wopue si abɔnten a, wobekum wɔn nyinaa na obi ntumi mmɔ yɛn sobo sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ ofi yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso renteɛ ne nsa wɔ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Sɛ wɔpue si abɔntene a, wɔbɛkum wɔn nyinaa na obi rentumi mmɔ yɛn soboɔ sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ efie yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso rentene ne nsa wɔ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 na obiara a obefi adi afi wo fi pon ano akɔ abɔnten so no, ne mogya begu n’atifi, na yɛn de, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn ofie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 2:19
23 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi, na w’ano na adi wo adanseɛ sɛ: Me na makum deɛ AWURADE asra no ngo no.


na nkantom sɛ nnipa bɔne adi onipa tenenee awu ne fie, ne mpa soɔ, na afei, meremmisa ne mogya mo nsam, na merenyi mo mfiri asase so anaa?


Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ ɔkumm mmarima baanu a wɔtene a wɔyɛ sene no, na ɔde nkrantɛ dii wɔn awuo: Ner ba Abner, Israel sahene ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no berɛ a m’agya Dawid nnim ho bie.


Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo.


Na momfa adwera esia mmɔ mogya a ɛwɔ yaawa mu no mu, na momfa yaawa no mu mogya no bi nsra aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho, na mo mu biara mmfiri adi mmfiri ne fie pono ano kɔsi anɔpa.


Ɛfiri sɛ AWURADE bɛtwam abobɔ Misraimfoɔ, na sɛ ɔhunu mogya no wɔ aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho a, AWURADE bɛsiane pono no ho, na ɔremma ɔsɛefoɔ no kwan mma ɔmma mo afie mmɛbobɔ mo.


Na ɔbarima a ɔne n’agya yere da no, wayi n’agya adagya so; kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi.


Sɛ obiara dome n’agya anaa ne na a, kum na wɔnku no; wadome n’agya ne ne na, ne mogya gu n’atifi.


Deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no, mma no nnsiane mmmɛfa biribi mmfiri ne dan mu;


Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Enti nnɛ medi mo adanseɛ sɛ, me ho afiri mo nyinaa mogya ho;


Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ ɔha so panin ne asraafoɔ no sɛ: Sɛ yeinom antena hyɛn yi mu deɛ a, morennya nkwa.


na wɔahunu me ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu, na mmom deɛ ɛnam Kristo ho gyidie so ba, tenenee a ɛfiri Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidie so.


Akatua a ɛnyɛ koraa bɛn na mususu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bɛtua deɛ watiatia Nyankopɔn Ba no soɔ, na wabu apam mogya a wɔde ate ne ho no ahuhudeɛ, na wasopa adom honhom no?


Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,


Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.


Na sɛ woka yɛn asɛm yi kyerɛ a, ɛno nso yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan