Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 na mmom, gyaw hama kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mfɛnsere ano no na ma wʼabusuafo a ɛyɛ wʼagya, wo na, wo nuabarimanom ne wɔn abusuafo nyinaa mmɛhyɛ ofi no mu a wɔnnkɔ baabiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 na mmom, gya ahoma kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mpomma ano no na ma wʼabusuafoɔ a ɛyɛ wʼagya, wo maame, wo nuammarima ne wɔn mmusuafoɔ nyinaa mmɛhyɛ efie no mu a wɔnnkɔ baabiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 hwɛ, sɛ yɛreba ase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ hama yi kyekyere mfɛnsere a wode yɛn faa mu sisii fam no mu, na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fi nyinaa ano wo nkyɛn wɔ ofie ha,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 2:18
19 Iomraidhean Croise  

Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fiefoɔ nyinaa, monkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ wo na mahu wo sɛ ɔteneneeni m’anim, ɛberɛ yi mu.


na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfoɔ sɛeɛ?


Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo.


W’anofafa te sɛ koogyan homa, na w’anomu kasa yɛ dɛ. W’asontorɔ mu te sɛ atoaa aba fa, w’anim nkatanimu mu.


ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho teɛ mmienu animono ne tweneduro dua ne koogyan ne adwera mma deɛ wɔrebɛte ne ho no mmra.


Na ɔsɔfoɔ no mfa tweneduro ne adwera ne kuntu kɔkɔɔ ngu nantwibereɛ a ɔrehyeɛ no so.


na wɔmfa ntoma kɔkɔɔ nsɛ nnoɔma no so, na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa ara, ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba fie yi mu, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.


Na ɔne no redi nkɔmmɔ no, ɔhyɛnee mu, na ɔkɔhunuu nnipa bebree a wɔahyia hɔ.


Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa.


Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fie nyinaa nam so bɛnya nkwagyeɛ akyerɛ woɔ.


Awurade nhunu Onesiforo fie mmɔbɔ, ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.


Na Mose kaa ahyɛdeɛ biara kyerɛɛ ɔman mu no nyinaa, sɛdeɛ mmara no teɛ wieeɛ no, ɔfaa anantwie mma ne mmirekyie mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma no ara ne ɔman no nyinaa so


Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛdeɛ mo nsɛm yi teɛ. Na ɔgyaa wɔn kwan na wɔkɔe; na ɔde homa kɔkɔɔ no kyekyeree mpomma no mu.


Na mmeranteɛ akwansrafoɔ no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne deɛ ɔwɔ nyinaa firi bae, na wɔde n’abusua nyinaa firii adi bɛgyaa wɔn Israel nsraban no akyi.


Na odwamamfoɔ Rahab ne n’agya fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa deɛ, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de bɛsi nnɛ, ɛfiri sɛ ɔde abɔfoɔ a Yosua soma maa wɔkɔsraa Yeriko no huntae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan