Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 2:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me se, esiane sɛ maboa mo nti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafo adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me sɛ, ɛsiane sɛ maboa mo enti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafoɔ adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yiye yi, mo nso mobɛyɛ m’agya ofi yiye, na momma me nokware sɛnkyerɛnne,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 2:12
24 Iomraidhean Croise  

Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na sɛ adɔeɛ a meyɛɛ woɔ no teɛ no, wode bi bɛyɛ me ne m’asase a woabɛyɛ hɔhoɔ wɔ soɔ yi.


na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba.


Na ɔsomfoɔ no de ne nsa kaa ne wura Abraham asene mu, na ɔkaa no ntam wɔ asɛm no ho.


Nanso sɛ ɛyɛ a, kae me, na sɛ ɛsi wo yie a, yɛ me adɔeɛ, na bɔ me din kyerɛ Farao, na bɛyi me ɛdan yi mu,


Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.


na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfoɔ sɛeɛ?


Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo.


Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi; sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a; ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu.


Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no, monkye no, na monsɔ no mu yie mfa no nkɔ!


wɔnni ti, apamsɛefoɔ, wɔnni tema, wɔnni mmɔborɔhunu.


Na sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa, ne titire no ne fiefoɔ a, wapa gyidie, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie.


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammaanom ne deɛ wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na monyi yɛn mfiri owuo mu.


Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha,


na obiara a ɔbɛfiri adi afiri wo fie pono ano akɔ abɔntene soɔ no, ne mogya bɛgu n’atifi, na yɛn deɛ, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn efie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.


Na mmarima baanu a wɔkɔsraa asase no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbaa dwamamfoɔ no fie nkɔfa ɔbaa no ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfiri hɔ, sɛdeɛ mokaa no ntam no.


Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.


Na asrafoɔ no hunuu ɔbarima bi a ɔfiri kuro no mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ yɛn kuro no mu ahyɛneeɛ, na yɛne wo bɛdi no adɔeɛ so.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wode me bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn? Na ɔse: Ka me Onyankopɔn sɛ worenku me, nso woremfa me nhyɛ me wura nsa, na mede wo bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan