Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na yɛteeɛ no, yɛn akoma tuiɛ, na home bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na yɛteeɛ no, yɛn akoma tuiɛ, na home bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn koma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sɛɛ a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Nyankopɔn no, ne otumfo Nyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro ne asase ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn akoma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoɔduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sei a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Onyankopɔn no, ne otumfoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ne asase ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na yɛate, na yɛn koma atu, na ɔhome bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 2:11
27 Iomraidhean Croise  

na asase so aman nyinaa nhunu sɛ: AWURADE ne Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.


Na ɔsane baa Nyankopɔn nipa no nkyɛn, ɔno ne n’asafo nyinaa, na ɔba bɛgyinaa n’anim kaa sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Onyankopɔn bi nni asase biara so sɛ Israel nko, na afei gye akyɛdeɛ yi w’akoa nsam.


Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi.


Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.


Na amanaman bɛsuro AWURADE din, na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam,


Wɔahwie me agu sɛ nsuo, na me nnompe nyinaa ahwinhwan n’akwaa so. M’akoma ayɛ sɛ akraa, anane wɔ me yam.


Ma wɔn nwe sɛ nsuo a ɛretwe, ɔkuntunu ne bɛmma mu a, ma no nyɛ sɛdeɛ wɔabu ano.


na wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.


Aman tee, na wɔn ho wosoe, ahopopoɔ kaa wɔn a wɔte Filistia.


Ɛno na Edom asafohempanin ho dwirii wɔn, Moab ahoɔdenfoɔ no, nketenkete kutaa wɔn, Kanaanfoɔ nyinaa hodwoe.


Enti nsa nyinaa mu bɛgo, na ɔdasani biara akoma bɛnane;


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.


Deɛ ɛbɛyɛ na akoma atuo, na suntidua adɔɔso nti, mede nkrantɛ hyerɛn asisi wɔn kuro apono nyinaa ho. Aa! Wɔayɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ anyinam, wɔase ano de rebɛkum.


Hwɛ, Ninewe sɛdeɛ woada mpan, woayɛ hunu na woadane amamfo, na w’akoma ahodwo na wo nankoroma hinhim, w’asene mu nyinaa yɛ wo ya, ne sɛdeɛ w’anim asiam fitaa.


Ɛhe na yɛmfa nkorɔ? Yɛn nuanom atu yɛn akoma sɛ: Nnipa no soso na wɔwoware sene yɛn, nkuro no yɛ akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo kɔ soro, na bio nso yɛhunuu Anakfoɔ mma no wɔ hɔ.


Na ahwɛfoɔ no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a ɔsuro na n’akoma tuo no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wamma ne nuanom akoma annane sɛ ne deɛ.


Enti hunu nnɛ, na fa sie w’akoma mu, sɛ AWURADE ne Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so na obi nni hɔ bio.


Na me nuanom a wɔne me foro kɔeɛ no maa ɔman no akoma tui, na me deɛ, medii AWURADE me Nyankopɔn akyi mewiee.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.


Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.


Na Ai mmarima no kunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia, na wɔtaa wɔn Ai kuro pono no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn asianee no mu. Na ɔman no akoma tui, na ɛyɛɛ sɛ nsuo.


Na wɔbuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim no, na mo nti yɛsuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yɛdii saa asɛm yi.


Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhunta mfiri deɛ ɔte ahennwa no soɔ no ne adwammaa no abufuo ho,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan