Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 18:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna mmarima no sɔre kɔeɛ; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtwerɛ asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkɔkyini asase no so na montwerɛ ho asɛm, na monsane mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna mmarima no sɔre kɔeɛ; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtwerɛ asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkɔkyini asase no so na montwerɛ ho asɛm, na monsane mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mmarima a wɔrekosusuw asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsan mfa nea muhui ho nsɛm a moakyerɛw agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuw no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna mmarima no sɔre kɔe; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔkyerɛw asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkokyin asase no so na monkyerɛw ho asɛm, na monsan mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 18:8
13 Iomraidhean Croise  

Sɔre, fa asase no tentene ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede bɛma woɔ.


Na ɔno na watwe tonto de ama wɔn, na ne nsa de susuhoma akyɛ ama wɔn, sɛ wɔnni so nkɔsi daa, na wɔntena so, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Enti afei momma yɛnni deɛ ɛma asomdwoeɛ ne deɛ ɛbɛma yɛn nkɔsoɔ akyiri.


Na afei kyɛ asase yi mu na ɛnyɛ mmusuakuo nkron ne Manase abusuakuo fa no agyapadeɛ.


Na Yuda mma abusuakuo ntonto no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛtɔɔ Edom hyeɛ ho kɔduruu Sin serɛ so, wɔ anafoɔ fam asase a ɛyɛ anafoɔ hyeɛ no awieeɛ so.


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ.


Na montwerɛ asase no nkyekyɛmu nson no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.


Na mmarima no sii mu kɔ kɔfaa asase no so, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ nkuro no teteɛ nkyekyɛmu nson de hyɛɛ nwoma bi mu, na wɔsane baa Yosua nkyɛn Silo nsraban mu.


Na Saulo kaa sɛ: Ao, AWURADE Israel Nyankopɔn, Adɛn nti na wommua w’akoa nnɛ yi? Sɛ ɛyɛ me anaa me ba Yonatan na ɛdi fɔ anaa Israelfoɔ yi a, ma nokorɛ nna adi. Na ɛbɔɔ Saulo ne ba Yonatan, na ɛdɔm no firii mu firii.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan