Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 18:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na montwerɛ asase no nkyekyɛmu nson no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na montwerɛ asase no nkyekyɛmu nson no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho tew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuw biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho te wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuo biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na monkyerɛw asase no nkyekyem ason no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 18:6
11 Iomraidhean Croise  

sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma wo sɛ mo apɛgyadeɛ a wɔkyɛ no homa soɔ.


Srɛ so na wɔtwe tonto, na atemmuo nyinaa firi AWURADE.


Ntonto pata ntɔkwa, na ɛpae atumfoɔ ntam.


Na momfa tontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuo no: Abusuakuo a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, momma ne kyɛfa nsua; deɛ obiara tonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne deɛ; monnyegye mo kyɛfa sɛdeɛ mo nananom mmusuakuo teɛ.


Na Mose hyɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Yei ne asase a momfa ntontobɔ so nkyɛ mu nni soɔ a AWURADE ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusuakuo nkron ne fa no.


Na ɔsɛee aman nson Kanaan asase soɔ no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn.


wɔn agyapadeɛ a ɛnam ntontotwe soɔ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔmma mmusuakuo nkron ne fa no.


Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ.


Na Lewifoɔ rennya mo mu kyɛfa, ɛfiri sɛ AWURADE asɔfodie no ne wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben ne Manase abusuakuo fa no anya wɔn agyapadeɛ, Yordan agya apueeɛ a AWURADE akoa Mose de maa wɔn no.


Ɛnna mmarima no sɔre kɔeɛ; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtwerɛ asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkɔkyini asase no so na montwerɛ ho asɛm, na monsane mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan