Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 18:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsie ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsie ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Yosua bisaa wɔn se, “Moretwɛn akosi da bɛn ansa na moafa asase no nkae a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akosi ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 18:3
15 Iomraidhean Croise  

Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ, na nsiyɛfoɔ nsa ma wɔnya wɔn ho.


Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.


Onihafoɔ kwan te sɛ nkasɛɛ ban, na teefoɔ kwan yɛ petee.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mma wo nsam nnhodwo.


Na ɛbɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum mu no, ɔfirii adi kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina hɔ kwa, na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mogyinagyina ha kwa adekyeeɛ nyinaa yi?


Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano.


Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.


Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.


Na aka Israelfoɔ no mu wɔn a wɔnkyɛɛ agyapadeɛ mmaa wɔn no, mmusuakuo nson.


Montu abusuakuo biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkɔkyini asase no so, na wɔntwerɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ, na wɔmmra me nkyɛn.


Na wɔse: Momma yɛnsɔre na yɛnkɔ wɔn so, ɛfiri sɛ yɛahunu asase no, na hwɛ, ɛyɛ papaapa. Na mo deɛ, moayɛ komm yi ɛ? Monntwentwɛn, na monkɔ hɔ nkɔfa asase no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan