Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 18:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔn atifi fam hyeɛ firi Yordan; na ɛhyeɛ no foro fa Yeriko nkyɛn mu atifi fam, na ɛforo kɔ bepɔ no so kɔ atɔeɛ, na ano kɔduru Bet-awen serɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔn atifi fam hyeɛ firi Yordan; na ɛhyeɛ no foro fa Yeriko nkyɛn mu atifi fam, na ɛforo kɔ bepɔ no so kɔ atɔeɛ, na ano kɔduru Bet-awen serɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Atifi fam hye no fi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsian no atifi, na afei, afa bepɔw mantam ne Bet-Awen sare so akɔ atɔe fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Atifi fam ɛhyeɛ no firi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsianeɛ no atifi, na afei, afa bepɔ mantam ne Bet-Awen ɛserɛ so akɔ atɔeɛ fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔn benkum fam hye fi Yordan; na ɔhye no foro fa Yeriko nkyɛn mu benkum fam, na ɛforo kɔ bepɔw no so kɔ atɔe, na ano kodu Bet-awen sare so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 18:12
11 Iomraidhean Croise  

Bet-awen nantwie mma nti na Samariafoɔ bɛsuro; na ne man di ne ho abooboo, na n’asɔfoɔ ho popo n’animuonyam ho, sɛ wɔatu afiri wɔn mu korɔ.


Sɛ wo, Israel, wobɔ adwaman a, mma Yuda nnni so. Na mommma Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi.


Monhyɛne abɛn Gibea, monhyɛne totorobɛnto Rama. Mommɔ ose Bet-awen, ɛwɔ w’akyi, Benyamin.


Na deɛ ntonto no yi maa Yosef mma no firi Yeriko Yordan ano, Yeriko asuo apueeɛ, ɛserɛ a ɛfiri Yeriko kɔ Betel bepɔ soɔ no;


Na Benyaminfoɔ abusuakuo ntonto bae sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn ntonto no hyeɛ firi Yuda mma ne Yosef mma ntam.


Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.


ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.


Na Yeriko deɛ, na wɔato mu na wɔabram ano Israelfoɔ no anim. Obi mfiri adi, na obi mma mu.


Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔ kɔsraa Ai.


Na Yosua ne Israel nyinaa maa wɔpamoo wɔn wɔn anim, na wɔdwane faa ɛserɛ so kwan so.


Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan