Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 17:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkaa sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anomu asɛm no so maa wɔn agyapadeɛ wɔn agya nuanom no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkaa sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anomu asɛm no so maa wɔn agyapadeɛ wɔn agya nuanom no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa mmea yi baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofo no nkyɛn bɛkae se, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuw mu no agyapade.” Enti Yosua maa wɔn ne wɔn agyanom agyapade sɛnea Awurade hyɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa mmaa yi baa ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuo mu no agyapadeɛ.” Enti, Yosua maa wɔne wɔn agyanom agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔbaa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkae sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapade, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anom asɛm no so maa wɔn agyapade wɔn agya nuanom no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 17:4
9 Iomraidhean Croise  

Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmammaa a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twe pinii; na ne mmammaa no din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.


Adɛn nti na yɛn agya din mpepa mfiri n’abusua mu ɛnam sɛ ɔnni babarima nti? Ma yɛn agyapadeɛ yɛn agya ne nuanom mu.


Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Selofehad mmammaa no yɛeɛ;


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn,


Na Manase nkyekyɛmu a ɔnyaeɛ no yɛ du, ɛsono Gilead ne Basan asase a ɛwɔ Yordan agya no.


Na Lewifoɔ agyanom atitire baa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom atitire nkyɛn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan