Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 17:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 na mmom bepɔ no nyɛ wo deɛ; ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, kɔsi deɛ ano bɛka. Na Kanaanfoɔ no, sɛ wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ mpo a, wobɛtu wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 na mmom bepɔ no nyɛ wo deɛ; ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, kɔsi deɛ ano bɛka. Na Kanaanfoɔ no, sɛ wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ mpo a, wobɛtu wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔde kwae a ɛda bepɔw no so no bɛka mo ho. Monnɔw asase no sɛnea mubetumi biara na montena hɔ. Ɛwɔ mu sɛ Kanaanfo no ho yɛ den na wɔwɔ nnade nteaseɛnam, nanso mewɔ awerehyɛmu sɛ mubetumi apam wɔn afi obon no mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔde kwaeɛ a ɛda bepɔ no so no bɛka mo ho. Monnɔ asase no sɛdeɛ mobɛtumi biara na montena hɔ. Ɛwom sɛ Kanaanfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam, nanso mewɔ awerɛhyɛmu sɛ mobɛtumi apamo wɔn afiri bɔnhwa no mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 na mmom bepɔw no nyɛ wo de; ɛwom sɛ ɛyɛ kwae de, nanso bu fa, kosi nea ano bɛka; na Kanaanfo no, sɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfo po a, wubetu wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 17:18
18 Iomraidhean Croise  

Na ɛma yɛde nnamyɛ ka sɛ: Awurade ne me boafoɔ, merensuro. Onipa bɛtumi ayɛ me deɛn?


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ.


Na ɛhyeɛ no hima firi bepɔ no mpampam kɔ Neftoa asutire no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Efron bepɔ so nkuro ho, na ɛhyeɛ no hima kɔ Baala (a ɛne Kiriat-yearim).


Ɛnna wɔyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔ so, Sekem wɔ Efraim bepɔ so, ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron) wɔ Yuda bepɔ so.


wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot-maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.


Na Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase sɛ: Ɔman kɛseɛ ne wo, na wowɔ ahoɔden kɛseɛ, ɛnyɛ ntonto baako pɛ na wobɛnya,


Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba, Tohu ba, Elihu ba, Yeroham ba.


Na ɛdɔm no firii adi kɔɔ wiram kɔhyiaa Israel; na wɔkoo wɔ Efraim kwaeɛ mu.


Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Ɛfiri Yakob Tumfoɔ no nsam, ɛfiri ɔhwɛfoɔ a ɔyɛ Israel botan no mu.


Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan