Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 17:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na nkuro a Manase nyaa no Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkuro ne Yibleam ne ɛho nkuro ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkuro ne En-dorfoɔ ne ɛho nkuro ne Taanakfoɔ ne ɛho nkuro ne Megidofoɔ ne ɛho nkuro, nkokoɔ mmiɛnsa so amantoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na nkuro a Manase nyaa no Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkuro ne Yibleam ne ɛho nkuro ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkuro ne En-dorfoɔ ne ɛho nkuro ne Taanakfoɔ ne ɛho nkuro ne Megidofoɔ ne ɛho nkuro, nkokoɔ mmiɛnsa so amantoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔde saa nkurow a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔde saa nkuro a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na nkurow a Manase nyae Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkurow, ne Yibleam ne ɛho nkurow, ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkurow, ne En-dorfo ne ɛho nkurow, ne Taanakfo ne ɛho nkurow, ne Megidofo ne ɛho nkurow, nkoko abiɛsa so amantow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 17:11
22 Iomraidhean Croise  

Na Dawid kɔ kɔgyee Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yabes-gileadfoɔ nsam, na wɔn na wɔkɔwiaa no Bet-san abɔntene soɔ, deɛ Filistifoɔ de wɔn sensɛnee da a Filistifoɔ kumm Saulo wɔ Gilboa no,


Na adwuma toɔ a Ɔhene Salomo gyee sɛ ɔde rebɛsi AWURADE fie, ne ɔno ara ne fie, ne Milo, ne Yerusalem fasuo ne Hasor, Megido ne Geser no ho asɛm nie:


Na Yudahene Ahasia hunuiɛ no, ɔfaa turom dan kwan so dwanee. Na Yehu tii no, na ɔkaa sɛ: Mommɔ ɔno nso teaseɛnam no mu. Wɔyɛɛ saa Gur aforoeɛ a ɛwɔ Yibleam ho no; na ɔdwane kɔɔ Megido, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.


ne Manase abusuakuo fa no mu: Aner ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Bileam ne ɛho asase wɔde maa Kehat mma a wɔkaeɛ no abusua.


Na Manase mma nkyɛn mu bi wowɔ Bet-sean ne ɛho nkurowa, Taanak ne ɛho nkurowa, Megido ne ɛho nkurowa, Dor ne ɛho nkurowa. Yeinom mu na Israel ba Yosef mma teɛ.


Nanso Yosia annane n’ani amfiri ne ho, na mmom ɔsakyeraa ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko nsɛm a ɛfiri Nyankopɔn anomu no. Na ɔkɔ kɔkoe Megido bonhwa mu.


Wɔsɛee wɔ Endor, na wɔyɛɛ sɛ nwira dodoɔ maa asase.


Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no ate ɔko mu osebɔ, na adane nkunkumaboɔkuo, na wɔde ogya ahye ɛho nkurowa, na Israel adi n’adedifoɔ adeɛ, AWURADE na ɔseɛ.


Ɛda no agyaadwotwirɛ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon agyaadwotware no, Megido bonhwa mu,


ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ soɔ ne Kinerot anafoɔ fam mpaperɛ so ne Dor nkokoɔ so, atɔeɛ po fam


Taanakhene, Megidohene,


Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ soɔ hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene,


ne nkuro a wɔyiyi maa Efraimfoɔ wɔ Manasefoɔ agyapadeɛ mu no, nkuro no nyinaa ne ɛho nkuraa.


Anafoɔ fam no yɛɛ Efraim deɛ, na atifi fam deɛ yɛɛ Manase deɛ, na ɛpo no ne ɛhyeɛ. Na wɔne Aser bɔɔ hyeɛ atifi fam, na wɔne Isakar bɔɔ no apueeɛ.


Na Yosef mma no kaa sɛ: Bepɔ no nso yɛn, nso Kanaanfoɔ a wɔte mpaperɛ mu hɔ nyinaa wɔ dadeɛ nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkuro mu ne wɔn a wɔte Yesreel bonhwa no mu nyinaa.


Na Manase antu Bet-sean ne ɛho nkuraa ne Taanak ne ɛho nkuraa ne Dor ne ɛho nkuraa ne Yibleam ne ɛho nkuraa ne Megido ne ɛho nkuraa mufoɔ. Ɛno nti Kanaanfoɔ no tumi tenaa asase yi so.


Ahemfo ba bɛdii ako, ɛno mu na Kanaan ahemfo bɛkoo Taanak, Megido asuo no ano, wɔannya dwetɛ mfasoɔ biara.


Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monkɔhwehwɛ ɔbaa samanfrɛni bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa. Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa samanfrɛni bi wɔ Endor.


Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛnee Bet-san fasuo ho.


akofoɔ nyinaa sɔree nam anadwo nyinaa kɔfaa Saulo funu ne ne mma afunu no firii Bet-san fasuo no ho de baa Yabes, na wɔhyee no wɔ hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan