Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 17:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ntonto no yii Manase abusuakuo deɛ, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, ɛfiri sɛ ɔyɛ dɔmmarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ntonto no yii Manase abusuakuo deɛ, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, ɛfiri sɛ ɔyɛ dɔmmarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔde asase no fa a ɛda atɔe fam no maa Manase abusuakuw no fa a ɔyɛ Yosef babarima panyin no asefo. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apuei fam no ama Makir abusua no dedaw, efisɛ na ɔyɛ ɔkofo kɛse. (Na Makir yɛ Manase babarima panyin ne Gilead agya.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔde asase no fa a ɛda atɔeɛ fam no maa Manase abusuakuo no fa a ɔyɛ Yosef babarima panin no asefoɔ. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apueeɛ fam no ama Makir abusua no dada, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔkofoni kɛseɛ. (Na Makir yɛ Manase babarima panin ne Gilead agya.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ntonto no yii Manase abusuakuw de, efisɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, efisɛ ɔyɛ dɔmmarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 17:1
20 Iomraidhean Croise  

Na Yosef too abakan no din Manase, ɛfiri sɛ ɔse: Onyankopɔn ama me werɛ afiri m’amaneɛ ne m’agya fie nyinaa.


Na ɔtoo deɛ ɔtɔ so mmienu no din Efraim, ɛfiri sɛ ɔse: Onyankopɔn ama madɔ wɔ m’amanehunu asase yi so.


Na Yosef mma a On sɔfoɔ Potifera babaa Asnat wo maa no Misraim asase soɔ ne: Manase ne Efraim.


Na Yosef hunuu sɛ n’agya de ne nsa nifa ato Efraim atifi no, anyɛ no dɛ, na ɔsɔɔ n’agya nsa sɛ ɔnyi mfiri Efraim atifi nkɔto Manase atifi.


Na Yosef ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, ɛnyɛ sɛ ɛteɛ ne no, na oyi ne abakan, fa wo nifa to n’atifi.


Na Yosef hunuu Efraim mmanana. Manase ba Makir mma nso, wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so.


na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurfoɔ ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene.


Na Gesur ne Aram gyee Yair atenaeɛ no firii wɔn nsam, Kenat ne ɛho nkurowa, ɛyɛ nkuro aduosia. Yeinom nyinaa yɛ Gilead n’agya Makir mma.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne ɛhyeɛ a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuo dummienu no adi soɔ; Yosef deɛ nyɛ nhoma mmienu;


na deɛ ɛdi Naftali hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Manase deɛ, baako;


Manase mma: Makir deɛ, Makirfoɔ abusua; na Makir woo Gilead; Gilead deɛ, Gileadfoɔ abusua.


Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmammaa a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twe pinii; na ne mmammaa no din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.


Ɛnna Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahennie ne Basan hene Og ahennie, asase no ne n’ahyeɛ mu nkuro, asase no so nkuro a atwa ahyia nyinaa maa Gad mma ne Ruben mma ne Yosef ba Manase abusuakuo fa.


Na ɔmmu deɛ ɔnnɔ no no ba no abakan mma no deɛ ɔwɔ nyinaa mu abupɛn mmienu; na ɔne n’ahoɔden asefire, abakan dibea yɛ ne dea.


Na ɛyii Manase mma a aka no deɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Abi-eser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma; yeinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


Na Manase abusuakuo fa no, Mose de wɔn deɛ maa wɔn Basan, na ɔfa no nso, Yosua de wɔn deɛ maa wɔn wɔn nuanom mu, Yordan agya atɔeɛ fam. Na Yosua regya wɔn kwan akɔ wɔn ntomadan mu no, ɔhyiraa wɔn,


Wɔfirii Efraim a wɔn nhini muni dii Amalek soɔ. W’akyiri na Benyamin baa wo man mma no mu; Makir mu na mpanin firi siane baeɛ, na Sebulon mu nso wɔn a wɔkura ɔsafohene abaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan